bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Deuteronomy 17
Deuteronomy 17
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 18 →
1
Mfa nantwi anaa oguan a ne ho wɔ dɛm anaa adebɔne biara mmɔ afɔre mma AWURADE wo Nyankopɔn, efisɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyide.
2
Sɛ wohu wo mu, wo nkurow a ɔde rema wo no biara mu ɔbarima anaa ɔbea bi a ɔyɛ nea enye AWURADE wo Nyankopɔn ani so bu apam so,
3
na ɔkɔ kɔsom anyame foforo sɔre wɔn, anaa owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo a mabra no mu biara,
4
na wɔka kyerɛ wo na wote a, ɛnne pɛ mu yiye; na sɛ wuhu sɛ ɛyɛ nokware, na asɛm no wom sɛ wɔayɛ saa akyide yi wɔ Israel a,
5
ɛnne fa ɔbarima anaa ɔbea a wodii saa asɛmmɔne yi fi adi kɔ wo kurow apon ho, ɔbarima oo, ɔbea oo, na siw wɔn abo ma wonwu.
6
Adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so na wɔmfa nkum nea ɔsɛ owu; wɔmmfa ɔdansefo biako anom asɛm so nnkum no.
7
Adansefo no nsa na engu no so kan nkum no, na ɛno akyi no ɔman no nyinaa nsa; na yi bɔne no fi wo mu.
8
Sɛ asɛm bi a ɛho atemmu yɛ wo den si wɔ mogya ne mogya ntam, asɛm ne asɛm ntam, ne ɔbɔ ne ɔbɔ ntam, na ɛyɛ wo nkurow mu akasakasa nsɛm bi a, ɛnne sɔre kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ hɔ,
9
na kɔ asɔfo Lewifo ne ɔtemmufo a ɔwɔ so saa bere no nkyɛn kobisa, na wɔnkyerɛ wo atɛn a bu;
10
na di asɛm a wɔbɛkyerɛ wo, faako a AWURADE bɛkyerɛ hɔ, no so, na hwɛ na yɛ sɛnea wɔbɛkyerɛ wo nyinaa:
11
Mmara a wɔbɛkyerɛ wo ne atemmu a wɔbɛka akyerɛ wo no so na di, mman mfi asɛm a wɔbɛkyerɛ wo no ho nkɔ nifa anaa benkum.
12
Na onipa a obedi ahantansɛm na ɔrentie ɔsɔfo a ogyina hɔ som AWURADE wo Nyankopɔn anaa ɔtemmufo no, saa onipa no nwu;
13
na yi bɔne no fi Israel, na ɔman no nyinaa nte na wonsuro, na wɔanni ahantansɛm bio.
14
Sɛ wudu asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so na wofa tena so, na woka sɛ: Mesi me so hene sɛ amanaman a wɔatwa me ho ahyia no nyinaa a,
15
fa nea AWURADE wo Nyankopɔn beyi no no si wo so hene; wo nuanom mu bi na fa no si wo so hene; mfa ɔnanani bi a ɔnyɛ wo nua nsi wo so.
16
Nanso ɔmmma n’apɔnkɔ nnnɔɔso, na ɔmmma ɔman no nnsan nnkɔ Misraim nkɔpɛ apɔnkɔ dodow; na AWURADE aka akyerɛ mo sɛ monnsan mmfa ɔkwan yi so bio.
17
Nanso ɔmmma ne yerenom nnnɔɔso, na ne koma amman; saa ara na ɔmmma ne dwetɛ ne sika nnnɔɔso pii.
18
Na sɛ ɔte n’ahenni agua so a, ɔnhwɛ mmara yi nhoma a ɛda asɔfo ne Lewifo anim no so nkyerɛw bi mfa;
19
na ɛntena ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua AWURADE ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi,
20
na ne koma amma ne ho so ansen ne nuanom, na wamman amfi mmara nsɛm no ho ankɔ nifa anaa benkum, na ama ne nna aware n’ahenni mu, ɔno ne ne mma, Israel mu.
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 18 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34