bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Deuteronomy 6
Deuteronomy 6
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 7 →
1
Na eyi ne mmara nsɛm, ahyɛde ne atemmude a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no so,
2
na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware.
3
Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yiye, na woadɔɔso pii, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no, asase a nufusu ne ɛwo sen so no so.
4
Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn ne AWURADE koro.
5
Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.
6
Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so;
7
na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitena mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu;
8
na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma;
9
na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so.
10
Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nya de wo du asase a ɔkaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wo no so, nkurow akɛse a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyee,
11
ne adan a nnepa nyinaa ayɛ no amaama a ɛnyɛ wo na wode hyehyɛɛ mu, ne mmura a wɔatutu a ɛnyɛ wo na wututui, bobe nturo a ɛnyɛ wo na wotetɛwee, na sɛ wudidi na womee a,
12
hwɛ yiye na wo werɛ amfi AWURADE a oyii wo Misraim asase so fii nkoa fi no:
13
AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;
14
munnni anyame foforo a wofi amanaman a wogugu mo ho no anyame mu akyi;
15
na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufo, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuw annɛw anhyɛ wo, na wansɛe wo amfi asase ani.
16
Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛnea mosɔɔ no hwɛe Masa hɔ no;
17
munni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛde a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ;
18
na yɛ nea ɛteɛ na eye AWURADE ani so, na asi wo yiye, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no,
19
na watu w’atamfo nyinaa afi w’anim, sɛnea AWURADE kae no.
20
Sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Adansesɛm ne ahyɛde ne atemmude bɛn na AWURADE yɛn Nyankopɔn de hyɛɛ mo yi a?
21
Ka kyerɛ wo ba no sɛ: Yɛyɛɛ Farao nkoa Misraim, na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii yɛn fii Misraim;
22
na AWURADE maa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse a ɛyɛ hu baa Misraim, Farao ne ne fi nyinaa so wɔ yɛn anim;
23
na yɛn de, oyii yɛn fii hɔ sɛ ɔde yɛn reba, de asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no abɛma yɛn.
24
Na AWURADE hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahyɛde yi nyinaa na yensuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ensi yɛn yiye nna nyinaa, na ɔmma yennya nkwa, sɛ ɛte nnɛ yi;
25
na sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛnea ɔhyɛɛ yɛn no a, ɛbɛyɛ yɛn atreneefo.
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 7 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34