bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Deuteronomy 20
Deuteronomy 20
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 19
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 21 →
1
Sɛ wutu sa ne w’atamfo akɔko na wuhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne ɔman a wɔdɔɔso sen wo a, nsuro wɔn, efisɛ AWURADE wo Nyankopɔn a ɔde wo fi Misraim asase so bae no ka wo ho.
2
Na sɛ mobɛn dɔm no a, ɔsɔfo no ntwiw mmɛkasa nkyerɛ ɔman no,
3
na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfo akɔko, mommma mo koma nntutu, munnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,
4
efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo na ɛnam ne mo atamfo rekɔko ama mo na wagye mo.
5
Na ahwɛfo no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforo na onnuruu mu afiforo no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu na obi ankoduru mu.
6
Na onii ko a watɛw bobeturo na onnya nyii ano no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu, na obi anyi ano.
7
Na onii ko a wagye ɔbea bi aware na onnya nhyiaa no no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wantɔ ɔko mu na obi anhyia no.
8
Na ahwɛfo no nkɔ so nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a osuro na ne koma tutu no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wamma ne nuanom koma annan sɛ ne de.
9
Na sɛ ahwɛfo no wie ɔman no kasakyerɛ a, wɔmfa asafohene nsisi ɔman no ti.
10
Sɛ wobɛn kurow bi ne no rekɔko a, ka asomdwoesɛm kyerɛ no.
11
Na sɛ obua wo asomdwoe so na ohiɛ wo a, ɔman a wobehu wɔn hɔ no nyi tow mma wo nsom wo.
12
Na sɛ wɔne wo anni asomdwoesɛm na wɔne wo ko a, ɛnne tua kurow no;
13
na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de hyɛ wo nsa a, fa nkrante kunkum emu mmarima nyinaa,
14
nanso mmea ne mmofra ne afieboa ne nea ɛwɔ kurow no mu nyinaa, emu asade nyinaa de, fom fa, na di w’atamfo asade a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo no.
15
Saa na yɛ nkurow a ɛne wo ntam kwan ware pii a ɛnyɛ amanaman yi nkurow bi no.
16
Na amanaman yi nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no mu de, mma biribiara a ɛhome nnnya nkwa,
17
na sɛe wɔn pasaa: Hetifo ne Amorifo, Kanaanfo ne Perisifo, Hewifo ne Yebusifo, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ wo no.
18
Na wɔankyerɛ mo wɔn akyide a wɔyɛ ma wɔn anyame no nyinaa bi yɛ, na moanyɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne.
19
Sɛ wutua kurow bi nna pii ne no reko afa a, mfa akuma nsɛe ho nnua, na ɛso aba bi na di, na ntow ngu: So afuw mu dua yɛ onipa na woatua no?
20
Nanso nnua a wunim sɛ ɛnyɛ nnua a wodi no de, sɛe no na twa fa yɛ kurow a ɛne wo di ako no ho ntuaban kosi sɛ wobɛbrɛ no ase.
← Chapter 19
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 21 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34