bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Deuteronomy 27
Deuteronomy 27
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 28 →
1
Na Mose ne Israel mpanyimfo no hyɛɛ ɔman no sɛ: Munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so.
2
Na da a mubetwa Yordan akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no, fa abo akɛse sisi hɔ, na fa akado sra ho,
3
na kyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wubetwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.
4
Na sɛ mutwa Yordan a, momfa abo yi a merehyɛ mo ɛho ahyɛde nnɛ yi nsisi hɔ wɔ Ebal bepɔw so, na fa akado sra ho.
5
Na si hɔ afɔremuka ma AWURADE wo Nyankopɔn, abo afɔremuka; mma dade so wɔ so;
6
abo amuamu na fa si AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka, na bɔ so hyew afɔre ma AWURADE wo Nyankopɔn;
7
na bɔ asomdwoe afɔre di no hɔ, na gye w’ani AWURADE wo Nyankopɔn anim.
8
Na kyerɛw mmara yi mu nsɛm nyinaa gu abo no so, fa kurukyerɛw mu yiye.
9
Na Mose ne asɔfo Lewifo no kasa kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Israel, monyɛ aso ntie; ɛnnɛ da yi woayɛ AWURADE wo Nyankopɔn ɔman;
10
enti tie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na di ne mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so.
11
Na Mose hyɛɛ ɔman no da no ara sɛ:
12
Sɛ mutwa Yordan a, eyinom na ennyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no: Simeon ne Lewi ne Yuda ne Isakar ne Yosef ne Benyamin;
13
na eyinom nnyina Ebal bepɔw so nnome: Ruben, Gad ne Aser ne Sebulon, Dan ne Naftali.
14
Na Lewifo mfi ase mfa nne kɛse nka nkyerɛ Israel nyinaa sɛ:
15
Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa agude, AWURADE akyide, odwumfo nsa ano adwuma, na ɔde besi kokoam! Na ɔman no nyinaa nnye so sɛ: Amen.
16
Nnome nka nea ɔyaw n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
17
Nnome nka nea otwiw ne yɔnko hye! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
18
Nnome nka nea ɔma onifuraefo fom kwan! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
19
Nnome nka nea ɔkyea ɔhɔho, ayisaa ne okunafo atemmu! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
20
Nnome nka nea ɔne n’agya yere da, efisɛ wayi n’agya nkataho! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
21
Nnome nka nea ɔne aboa biara da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
22
Nnome nka nea ɔne ne nuabea, n’agya ba anaa ne na ba da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
23
Nnome nka nea ɔne n’ase da! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
24
Nnome nka nea ohintaw bɔ ne yɔnko ade! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
25
Nnome nka nea ogye apaade sɛ obekum onipa a odi bem! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
26
Nnome nka nea ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen.
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 28 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34