bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Deuteronomy 25
Deuteronomy 25
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 24
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 26 →
1
Sɛ ɔham ba mmarima ntam a, wɔmmra asɛnnii, na wommu wɔn atɛn, na wommu ɔtreneeni bem, na wommu ɔbɔnefo fɔ.
2
Na sɛ ɔbɔnefo no di ɔhwe a, ɔtemmufo no mma ɔnna fam, na wɔnhwe no wɔ n’anim, dodow a ɛsɛ ne bɔne no.
3
Mmaa aduanan na wɔnka no, ɛnntena so, na wantena so anhwe no mmaa pii ansen eyi, na wo nua annan w’ani so ɔhohorani.
4
Nkata nantwi a ɔporow awi ano.
5
Sɛ anuanom tena faako na wɔn mu biako wu na onni ba a, owufo no yere nnkɔ baabi nnkɔware ɔhɔho; ne kunu ne nua nkɔ ne ho nware no, na ɔnyɛ okunu nua asɛde mma no.
6
Na abakan a ɔbea no bɛwo no no, wɔmfa ne nua a owui no din nto no, na ne din ampopa amfi Israel.
7
Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua yere no a, ɛnne ne nua yere no nkɔ kurow pon ano mpanyimfo nkyɛn nkɔka sɛ: Me kunu ne nua mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel, ɔmpɛ sɛ ɔyɛ me okunu nua asɛde.
8
Na ne kurom mpanyimfo no mfrɛ no nkasa nkyerɛ no; na sɛ ogyina hɔ ka sɛ: Mempɛ sɛ meware no, a,
9
ɛnne ne nua yere no ntwiw mmɛn no mpanyimfo no anim, na ɔnsan ne nan mpaboa, na onhinam n’ani so ntasu nka sɛ: Saa na wɔnyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ osiesie ne nua fi.
10
Na wɔmfrɛ ne fi Israel mu sɛ: Nea ne mpaboa asan no fi.
11
Sɛ mmarima reko, obi ne ne nua, na obiako yere twiw bɛn sɛ ɔrebegye ne kunu afi nea ɔrehwe no no nsam, na ɔteɛ ne nsa so ne barima mu a,
12
ɛnne twa ne nsa, mma w’ani nnhu no mmɔbɔ.
13
Nnya abrammo horow abien, kɛse ne ketewa, wɔ wo fotow mu.
14
Nnya olonka ahorow abien, kɛse ne ketewa, wɔ wo fi.
15
Nya abrammokwanmu a ɛteɛ, nya olonka a edu na ɛteɛ, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so.
16
Na AWURADE wo Nyankopɔn akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa, wɔn a wotwa nkontompo nyinaa.
17
Kae nea Amalek yɛɛ wo ɔkwan so bere a mufi Misraim reba no:
18
Sɛnea ɔbɛtoaa wo ɔkwan mu, bere a woatɔ piti na woabrɛ, na otwaa wɔn a aka w’akyi no nyinaa gui wɔ w’akyi, na wansuro Onyankopɔn.
19
Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome fi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsam, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena so no so a, popa Amalek nkae fi ɔsoro ase; mma wo werɛ mmfi.
← Chapter 24
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 26 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34