bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Exodus 1
Exodus 1
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 2 →
1
Na eyinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fifo na ɛbae.
2
Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda,
3
Isakar, Sebulon ne Benyamin,
4
Dan ne Naftali, Gad ne Aser.
5
Na akra a wofi Yakob asen mu nyinaa si akra aduɔsɔn; na Yosef wɔ Misraim dedaw.
6
Na Yosef ne ne nuanom nyinaa ne wɔn bere sofo no nyinaa wuwui.
7
Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔe pii pa ara, na wɔn ase fɛee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.
8
Na ɔhene foforo bi a onnim Yosef bedii Misraim so.
9
Na ɔka kyerɛɛ ne man sɛ: Hwɛ, Israelfo no dɔɔso, na wɔn ho yɛ den sen yɛn.
10
Momma yɛmpɛ nyansa kwan bi mfa wɔn mfa so, na wɔannɔɔso, na sɛ ɔsa bi ba a, wɔankɔdɔm yɛn atamfo ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ.
11
Na wosisii wɔn so adwumayɛfo so mpanyimfo sɛ wɔmfa nnwuma a ɛyɛ den nhyɛ wɔn so. Na wɔkyekyeree adekora nkurow Pitom ne Rameses maa Farao.
12
Nanso dodow a wɔhyɛɛ wɔn so no, dodow ara na wɔdɔe, na wɔtrɛwee. Na Misraimfo suroo Israelfo no.
13
Na wɔde anyadi yawyaw dii Israelfo,
14
na wɔmaa wɔn asetena fonoo wɔn wɔ dɔte ne ntayaa ho adwuma den ne afum adwumayɛ ahorow nyinaa, ne nnwuma horow nyinaa mu nyadi yawyaw a wɔde dii wɔn mu.
15
Na Misraim hene ka kyerɛɛ Hebrifo awogyefo a wɔn mu biako din de Sifra, na obiako din de Pua no sɛ:
16
Sɛ mokogye Hebrifo mmea awo, na muhu agua no so sɛ ɔyɛ ɔbarima a, munkum no; na sɛ ɔyɛ ɔbea de a, momma ɔntena ase.
17
Na awogyefo no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛnea Misraim hene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wogyee mmammarima no nkwa.
18
Na Misraim hene frɛɛ awogyefo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na moyɛ saa, na moma mmarima no tena ase?
19
Na awogyefo no ka kyerɛɛ Farao sɛ: Hebrifo mmea nte sɛ Misraimfo mmea, na wɔn de, wɔyɛ pirimpirim; awogyefo no nnya nnuu wɔn nkyɛn no, na wɔawo dedaw.
20
Enti Onyankopɔn ne awogyefo no dii no yiye. Na nkurɔfo no dɔɔso ara, na wɔyɛɛ den yiye.
21
Na esiane sɛ awogyefo no suro Onyankopɔn nti, ɔmaa wɔn afi mu yɛɛ yiye.
22
Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔtow no nkyene asubɔnten Nil mu, na mmabea nyinaa de, momma wɔntena hɔ.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40