bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Exodus 3
Exodus 3
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 4 →
1
Bere bi a Mose rehwɛ n'ase Yetro, Midian sɔfo no, nguan, na ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ sare no akyi noho, na oduu Onyankopɔn bepɔw Horeb ho.
2
Na AWURADE bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ bi mfinimfini gyaframa mu, na ɔhwɛe, na hwɛ, nkyɛkyerɛ no redɛw, nanso nkyɛkyerɛ no nhyew.
3
Na Mose se: Eyi de, mɛman makɔhwɛ ahwɛde kɛse yi, dekode a enti nkyɛkyerɛ no nhyew.
4
Na AWURADE hui sɛ waman rehwɛ no, Onyankopɔn fi nkyɛkyerɛ no mu frɛe sɛ: Mose, Mose! Na ose: Mini!
5
Ɛnna AWURADE kae sɛ: Ntwiw mmɛn ha! Yi wo nan ase mpaboa, na nea wugyinae hɔ yɛ asase kronkron.
6
Na ɔkae bio sɛ: Mene w'agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n'ani, efisɛ osuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.
7
Na AWURADE se: Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfo nti wosu frɛ no mate.
8
Na masian sɛ merebeyi wɔn Misraimfo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so: Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo, Yebusifo tenabea hɔ.
9
Na afei, hwɛ, Israelfo no sufrɛ adu m'anim, na mahu ɔhaw a Misraimfo de haw wɔn no.
10
Na afei bra na mensoma wo Farao nkyɛn, na koyi me man Israelfo no fi Misraim.
11
Na Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Hena ne me a merekɔ Farao nkyɛn makoyi Israelfo afi Misraim?
12
Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Medi w'akyi; na eyi bɛyɛ wo sɛnkyerɛnne sɛ me na mesomaa wo: wunya yi ɔman no fi Misraim ba a, mobɛsom Nyankopɔn wɔ bepɔw yi so.
13
Na Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Na sɛ midu Israelfo nkyɛn, na meka mekyerɛ wɔn sɛ: Mo agyanom Nyankopɔn na asoma me mo nkyɛn, na wɔka kyerɛ me sɛ: Ne din de dɛn a, dɛn na minse wɔn?
14
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE NEA MENE. Na ose: Sɛnea ka kyerɛ Israelfo no ni: ME ARA na asoma me mo nkyɛn yi.
15
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Ka kyerɛ Israel mma sɛ: AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn yi, eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.
16
Kɔ na kɔboa Israel mpanyimfo ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Ɔhwɛ na mabɛhwɛ mo ne nea wɔreyɛ mo wɔ Misraim no.
17
Na mise: Meyi mo afi Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so no.
18
Na wobetie wo nne, na wo ne Israel mpanyimfo nkɔ Misraim hene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn, abehyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ sare so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔre.
19
Na me de, minim sɛ wɔde nsa a ɛyɛ den hyɛ Misraim hene mpo a, ɔremma mo kwan nkɔ.
20
Enti mɛteɛ me nsa de m'anwonwade a mɛyɛ wɔ hɔ no nyinaa mabobɔ Misraim, na ɛno akyi na ɔbɛma moakɔ.
21
Na mɛma ɔman yi anim ayɛ nyam wɔ Misraimfo anim, na ɛbɛba sɛ mobɛkɔ no, morenkɔ no nsapan.
22
Na mmea mmisabisa wɔn afipamfo ne wɔn afitenafo nkyɛn dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntama, na momfa nhyehyɛ mo mmammarima ne mo mmabea, na Misraimfo nneɛma no nyɛ mo asade.
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 4 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40