bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Exodus 2
Exodus 2
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 3 →
1
Na ɔbarima bi a ofi Lewi fi kɔwaree Lewi babea bi.
2
Na ɔbea no nyinsɛnee, na ɔwoo babarima; na ohui sɛ ne ho yɛ fɛ no, ɔde no siei asram abiɛsa.
3
Na ontumi nkora no so bio no, ɔfaa mmɛw adaka bi de ama ne mannɔ sraa ho, na ɔde abofra no too mu, na ɔde kɔtoo wura mu wɔ asubɔnten no ano.
4
Na ne nuabea kogyinaa akyirikyiri sɛ ɔrehwɛ nea ɛbɛyɛ no.
5
Na Farao babea sian baa asu no ano aguare, na ne mmaawa repase asu no kɔn so; na ohuu adaka no wɔ wura no mu no, ɔsomaa n'abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.
6
Na obuee so no, ohuu akokoaa no, na hwɛ, ɛyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ose: Hebrifo mma no bi ni.
7
Ɛnna ne nuabea no ka kyerɛɛ Farao babea no sɛ: So menkɔ menkɔfrɛ Hebrifo mmea no mu nufumafo bi memmrɛ wo, na ɔmmɛma akokoaa no nufu mma wo anaa?
8
Na Farao babea no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ɛ! Na ababaa no kɔe kɔfrɛɛ abofra no na ankasa bae.
9
Na Farao babea no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa abofra yi kɔ kɔma no nufu ma me, na metua wo ka. Na ɔbea no faa abofra no kɔmaa no nufu.
10
Na abofra no nyinii, na ɔde no kɔmaa Farao babea no, na ɔdan ne ba. Na ɔtoo no din Mose, efisɛ ose: Nsu mu na miyii no fii.
11
Na Mose nyinii no, da bi ofii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn adwumayɛ no; na ohui sɛ Misraimni bi reboro ne nuanom mu bi a ɔyɛ Hebrini.
12
Na ɔhwɛɛ ha ne ha, na ohui sɛ obi nni hɔ no, ɔbɔɔ Misraimni no ade kum no, na ɔde no siee nwea mu.
13
Na ade kyee no, ofii adi, na hwɛ, Hebrifo baanu reko. Na ɔka kyerɛɛ nea odi fɔ no sɛ: Ɛdɛn nti na woboro wo yɔnko?
14
Na ose: Hena na ɔde wo sii yɛn so otitiriw ne sennifo? Wopɛ sɛ wukum me sɛnea wukum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ose: Asɛm no anya afi!
15
Na Farao tee asɛm yi no, anka ɔhwehwɛ Mose akum no, nanso Mose guan fii Farao anim kɔtenaa Midian asase so. Na ɔkɔtenaa asubura bi so.
16
Nso Midian sɔfo wɔ mmabea baasɔn; na wɔbae bɛtow nsu de hyehyɛɛ adaase no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nguan anom.
17
Na nguanhwɛfo bi bae bɛpam wɔn; na Mose sɔre boaa wɔn, na ɔmaa wɔn nguan no nomee.
18
Na wɔbaa wɔn agya Reuel nkyɛn no, ɔkae sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na nnɛ de, moaba ntɛm sɛɛ?
19
Na wose: Misraimni bi na oyii yɛn fii nguanhwɛfo no nsam, na ɔtow nsu po maa yɛn, na ɔmaa nguan no nomee.
20
Na ɔka kyerɛɛ ne mmabea no sɛ: Na ɔwɔ he? Ɛdɛn nti na mugyaw ɔbarima no? Monkɔfrɛ no na ommedidi.
21
Na Mose penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena. Na ɔde ne babea Sipora maa Mose aware.
22
Na ɔwoo babanin, na Mose too no din Gersom, ase ne: Baabi hɔho, efisɛ ose: Mayɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.
23
Na nna dodow yi mu no ɛbae sɛ Misraim hene wui. Na ɔsom no nti Israelfo no sii apini, na wosu frɛe, na wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim.
24
Na Onyankopɔn tee wɔn apinisi no, na Onyankopɔn kaee n'apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pamee no.
25
Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfo no, na Onyankopɔn huu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 3 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40