bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Exodus 27
Exodus 27
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 28 →
1
Na fa ɔkanto yɛ afɔremuka no: ne tenten basafa abien ne fa ne tɛtrɛtɛ basafa abien ne fa; afɔremuka no nyɛ ahinanan, na ne sorokɔ nso nyɛ basafa biako ne fa.
2
Na yɛ ne mmɛn sisi ne twɔtwɔw anan so; emu ara na ne mmɛn no mfi, na fa kɔbere dura ho.
3
Na yɛ ɛho nseaa a wɔde ne nso begu mu, ne ne sesaw ade ne ne nkora ne n'adinam ne ne nsramma kukuwa, ɛho nneɛma nyinaa, kɔbere na fa yɛ.
4
Na fa kɔbere nwene ntontan wɔ ho, sɛnea wɔnwene ɔtan, na yɛ ɔtan no so kɔbere nkaa anan wɔ ne twea anan no so.
5
Na fa si afɔremuka no bamma ho wɔ ase, na ɔtan no nnu afɔremuka no mfinimfini.
6
Na sinsen afɔremuka no ho mpoma, ɔkanto mpoma, na fa kɔbere duradura ho.
7
Na wɔmfa mpoma no nwurawura nkaa no mu, na mpoma no nhyehyɛ afɔremuka no nkyɛn nkyɛn, na wɔde asoa.
8
Fa ntaaboo yɛ, na emu nna ɔkwan. Sɛnea wɔakyerɛ wo bepɔw no so no, saa ara na wɔnyɛ no.
9
Na yɛ tenabea no adiwo! Na adiwo mmɔhɔɔ a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwene a ne tenten si basafa aduonum nni hɔ wɔ ɔfa biako wɔ nifa fam a ɛkyerɛ nifa,
10
ne n'adum aduonu ne ne nnyinaso aduonu a wɔde kɔbere ayɛ; na adum no nkoropɛe ne ne mmeae nyɛ dwetɛ.
11
Saa ara nso na benkum fam tenten mu no, mmɔhɔɔ a ne tenten basafa aduonum ne n'adum aduonu ne ne kɔbere nnyinaso aduonu nni; na adum no nkoropɛe ne ne mmeae no nyɛ dwetɛ.
12
Na adiwo no tɛtrɛtɛ a ɛkyerɛ atɔe fam no, mmɔhɔɔ basafa aduonum anum nni hɔ; n'adum du ne ne nnyinaso du.
13
Na adiwo no tɛtrɛtɛ a edi anim fam a ɛkyerɛ apuei nyɛ basafa aduonum anum:
14
nkyɛn ha mmɔhɔɔ no nyɛ basafa ason ne fa, n'adum abiɛsa ne ne nnyinaso abiɛsa;
15
na nkyɛn ha nso mmɔhɔɔ no nyɛ basafa ason ne fa, n'adum abiɛsa ne ne nnyinaso abiɛsa.
16
Na adiwo no ano pon no nkataano nyɛ basafa du; wɔmfa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira a ɛyɛ nkyeremu; n'adum anan ne ne nnyinaso anan.
17
Adum no a etwa adiwo no ho hyia nyinaa mmeae a ɛbeabea ho nyɛ dwetɛ, ne nkɔtɔkorɔ nso nyɛ dwetɛ, na ne nnyinaso nyɛ kɔbere.
18
Adiwo no tenten nyɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduonum anum, na ne korɔn nso basafa abien ne fa; mmɔhɔɔ no nyɛ nwera a wɔafira n'asaawa, na ne nnyinaso nyɛ kɔbere.
19
Tenabea no ho som nyinaa mu adwinni nyinaa ne ne mmofunnua nyinaa ne adiwo no ho mmofunnua nyinaa nyɛ kɔbere.
20
Na wo nso hyɛ Israelfo no na wɔmmrɛ wo ngodua aba a wɔasiw ngo gyenennyenen, na wɔmfa nsɔ kanea no, na akanea no nsisi so daa yi;
21
na Aaron ne ne mma nhwɛ so, ahyiae ntamadan no mu, ntwamu mmɔhɔɔ a ɛkata Adanse no anim no anim, mfi anwummere nkosi anɔpa wɔ AWURADE anim. Ɛnyɛ daa ahyɛde a Israelfo nni so, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 28 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40