bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Exodus 9
Exodus 9
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 10 →
1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn, se ni: Ma me man no nkɔ nkɔsom me.
2
Na sɛ woampene amma wɔankɔ na wokɔ so tintim wɔn so a,
3
hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wuram so, na ɔde owu a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfurum, yoma, anantwi ne nguan so.
4
Na AWURADE de nsonoe bɛto Israel mmoa ne Misraim mmoa ntam, na nea ɛyɛ Israelfo dea no mu biara renwu.
5
Na AWURADE hyɛɛ da sɛ: Ɔkyena na AWURADE bɛyɛ eyi wɔ asase so.
6
Na ade kyee no, AWURADE yɛɛ saa ade no, na Misraim mmoa nyinaa wuwui, na Israelfo mmoa no mu biako po anwu.
7
Na Farao soma kɔhwɛe, na hwɛ, Israel mmoa mu biako po nwui ɛ. Nanso Farao koma yɛɛ den ara, na wamma ɔman no ankɔ.
8
Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Momfa fononoo mu nso nsa ma, na Mose ntow mpete ahunum wɔ Farao anim,
9
na ɛnnan Misraim asase nyinaa so tutuw, na ɛnyɛ nnipa ne mmoa ho mpobia a ɛpaepae tutu akuru Misraim asase nyinaa so.
10
Na wɔsesaw fononoo mu nso, na wokogyinaa Farao anim, na Mose de petee ahunum, na ɛdan nnipa ne mmoa ho mpobia a ɛpaepae tutu akuru.
11
Na mpobia no nti akɔmfo no antumi annyina Mose anim, efisɛ mpobia no asisi akɔmfo no ne Misraimfo nyinaa.
12
Na AWURADE pirim Farao koma, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ Mose no.
13
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Tua ahema kogyina Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn no, se ni: Ma me man nkɔ nkɔsom me.
14
Na afei de, merema me haw nyinaa aba wo koma so ne wo nkoa ne wo man mu, na woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so.
15
Na afei sɛ mateɛ me nsa na mede owuyare mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afi asase so.
16
Nanso eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.
17
Woda so ma wo ho so na wusiw me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ,
18
hwɛ, ɔkyena sesɛɛ mɛma ɔsoro abo a emu yɛ duru pa a ɛso bi mmaa Misraim da fi da a wɔhyɛɛ ase de abedu nnɛ yi atɔ.
19
Na afei soma ma wɔnkɔfa wo mmoa ne wo biribiara a ɛwɔ wuram mmra ntɛm; onipa biara ne afieboa biara a wobehu no wuram na wɔamfa no amma ofie no, ɔsoro abo no gu wɔn so a, wobewuwu.
20
Farao nkoa mu nea osuro AWURADE asɛm no de ne nkoa ne ne mmoa guan baa ofie;
21
na nea wammu AWURADE asɛm no gyaw ne nkoa ne ne mmoa wɔ wuram.
22
Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa kɔ ahunmu, na ɔsoro abo ntɔ Misraim asase nyinaa so, nnipa ne mmoa ne wuram nhaban nyinaa so wɔ Misraim asase so.
23
Na Mose teɛɛ ne poma kɔɔ ahunmu, na AWURADE maa aprannaa ne ɔsoro abo bae, na ogya porow guu asase so, na AWURADE maa ɔsoro abo tɔɔ Misraim asase so.
24
Na ɔsoro abo ne ogya a ɛdɛw framfram toatoam a ano yɛ den pii pa a ɛso bi mmaa Misraim asase nyinaa so da fi da a ɛyɛɛ ɔman no bae.
25
Na ɔsoro abo no guu Misraim asase nyinaa so, nea ɛwɔ wuram nyinaa, efi nnipa so kosi mmoa so, na ɔsoro abo no guu wuram nhaban nyinaa so, na ebubuu wuram nnua nyinaa.
26
Gye Gosen asase a Israelfo wɔ hɔ no so nko na ɔsoro abo no bi antɔ.
27
Ɛnna Farao soma bɛfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi de, mayɛ bɔne, AWURADE ne ɔtreneeni, na me ne me man ne abɔnefo.
28
Mompa AWURADE kyɛw, na Onyankopɔn aprannaa ne ɔsoro abo no nnyae, na adɔɔso, na mɛma moakɔ na morentena ha bio.
29
Ɛnna Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Mifi adi mifi kurow no mu ara pɛ a, mɛtrɛw me nsam makyerɛ AWURADE, na aprannaa no to betwa, na ɔsoro abo no antɔ bio, na woahu sɛ AWURADE na asase wɔ no.
30
Na wo ne wo nkoa de, minim sɛ munnya nsuroo AWURADE Nyankopɔn ɛ.
31
Na eguu asaawa ne atoko so, nso na atoko no ayɛ mmɛtem, na asaawa nso reyɛ agu nhwiren.
32
Na awi ne kɔkɔte de, angu so bi, efisɛ ɛno ka akyiri.
33
Na Mose fii Farao nkyɛn, na ofii kurow no mu kɔtrɛw ne nsam kyerɛɛ AWURADE, na aprannaa ne abo no to twae, na osu gyaee asase no so gu.
34
Na Farao hui sɛ osutɔ ne amparuwbo ne aprannaa no to atwa no, ɔsan yɛɛ bɔne bio, na ɔhyɛɛ ne koma den, ɔno ne ne nkoa.
35
Na Farao koma pirimii ara, na wamma Israelfo no ankɔ, sɛnea AWURADE nam Mose so kae no.
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 10 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40