bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Exodus 31
Exodus 31
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 30
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 32 →
1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:
2
Hwɛ, mabɔ Hur ba Uri ba Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu din mafrɛ no,
3
na mede Onyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni ahorow nyinaa mu,
4
sɛ ɔmfa nnwen ho ne tirim na onni sika ne dwetɛ ne kɔbere,
5
ne abo a wosen sisi ade mu ne nnuasen mu adwinni, na onni adwinhorow nyinaa.
6
Na me ara, hwɛ, mafa Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu maka ne ho; na nnipa a wɔwɔ nyansa koma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn komam na wɔnyɛ nea mahyɛ wo yi nyinaa;
7
ahyiae ntamadan no ne Adanse adaka no ne mpata agua no a esi so no ne ntamadan no ho ade nyinaa,
8
ne ɔpon no ne ɛho nneɛma ne kaneadua a ɛho tew no ne ɛho nneɛma nyinaa ne aduhuamhyew muka no,
9
ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne asankasɔn ne ne ntaase no,
10
ne ɔsom ntade ne ɔsɔfo Aaron ntade kronkron no ne ne mma ntade a wɔde bedi asɔfo no,
11
ne ɔsra ngo no ne kronkronbea aduhuam a wɔhyew no. Wɔnyɛ no sɛnea mahyɛ wo nyinaa.
12
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:
13
Na wo nso ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Me home nna no ara na munni; na ɛyɛ me ne mo ntam sɛnkyerɛnne, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, na moahu sɛ me AWURADE na meyɛ mo kronkron.
14
Enti munni homeda no, na ɛyɛ kronkron ma mo; obiara a obegu ho fi no, okum na wobekum no; na obiara a ɔyɛ mu adwuma no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.
15
Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ ɔhome mu homeda a ɛyɛ kronkron ma AWURADE; obiara a ɔyɛ adwuma homeda no, okum na wobekum no.
16
Enti Israelfo no nhwɛ homeda no na wonni homeda no, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu, sɛ daa apam.
17
Me ne Israel ntam sɛnkyerɛnne ne no de kosi daa; na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, na da a ɛto so ason no ɔhomee na odwudwoo ne koma.
18
Na ɔne Mose wiee kasa Sinai bepɔw so no, ɔmaa no adanse apon abien, abopon a wɔde Nyankopɔn nsatea akyerɛw so.
← Chapter 30
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 32 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40