bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Exodus 35
Exodus 35
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 34
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 36 →
1
Na Mose hyiaa Israelfo asafo no nyinaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nsɛm a AWURADE ahyɛ sɛ munni so ni:
2
Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛto so ason no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wobekum no.
3
Monnsɔ ogya mo tenabere nyinaa homeda.
4
Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo asafo no nyinaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ ni:
5
Munyi soma afɔrebɔde wɔ mo mu mmrɛ AWURADE; obiara a ne koma ka no mfa soma afɔrebɔde mmrɛ AWURADE: sika ne dwetɛ ne kɔbere,
6
ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa ne mmirekyi nwi,
7
ne adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne sukraman nhoma ne ɔkanto nnua,
8
ne kanea no ho ngo ne nnuhuam a wɔde bɛyɛ ɔsra ngo ne ɔhyew aduhuam,
9
ne apopobibiri abo ne nsisimu abo a wɔde bɛyɛ asɔfotade ne adɛbo no.
10
Na mo mu koma mu anyansafo nyinaa mmra mmɛyɛ ade a AWURADE ahyɛ nyinaa,
11
tenabea no, ne ntamadan ne ne nkataso ne nkɔtɔkoro ne ne ntaaboo a esisi ho, ne mmeamu, n'adum ne ne nnyinaso;
12
adaka no ne ne mpoma, mpata agua no ne mmɔhɔɔ a etwa mu no,
13
ɔpon no ne ne mpoma ne ɛho nneɛma nyinaa ne kyerɛ abodoo no,
14
kaneadua no ne ɛho nneɛma ne n'akanea ne kanea no ho ngo,
15
ne aduhuamhyew muka no ne ne mpoma ne ɔsra ngo no ne ɔhyew aduhuam no ne tenabea no ano nkataano no;
16
ɔhyew afɔremuka no ne ne kɔbere ntontan no, ne mpoma ne ɛho nneɛma nyinaa, asankasɔn no ne ne ntaase;
17
adiwo no ho mmɔhɔɔ no, n'adum ne ne nnyinaso ne adiwo no abobow ano nkataano no,
18
tenabea no ho mmofunnua ne ɛho ntampehama;
19
ɔsom ntade a wɔde som kronkronbea hɔ, ɔsɔfo Aaron ntade kronkron no ne ne mma ntade a wɔde bedi asɔfo no.
20
Na Israelfo asafo no nyinaa fii Mose anim kɔe.
21
Na wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde AWURADE soma afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ne ɛho som nneɛma nyinaa ne ntade kronkron no.
22
Na mmarima ne mmea nyinaa, dodow a wɔn koma pɛ nyinaa bae, na wɔde nkapo ne asom nkaa ne mpɛtea ne krakyere ne sika nnwinne ahorow nyinaa bae, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔde sika ohim afɔre brɛ AWURADE,
23
ne obiara a ne nsam wɔ bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa ne mmirekyi nwi ne adwennini nhoma kɔkɔɔ ne sukraman nhoma no de bae;
24
obiara a okura dwetɛ ne kɔbere mfraefrae soma afɔrebɔde ma AWURADE no de bae. Na obiara a ne nsam wɔ ɔkanto nnua a wɔde bɛyɛ ɔsom nneɛma no biara no nso de bae.
25
Na mmea a wɔwɔ nyansa koma nyinaa de wɔn nsa too asaawa, na wɔde nea wɔtoe no bae, bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa;
26
na mmea a wɔn koma kaa wɔn nyansa mu nyinaa too mmirekyi nwi asaawa.
27
Na mpanyimfo no de apopobibiri abo ne nsisimu abo a wɔde bɛyɛ asɔfotade ne adɛbo no bae,
28
ne nnuhuam ne ngo a wɔde bɛyɛ akanea ngo ne ɔsra ngo ne ɔhyew aduhuam no.
29
Na Israelfo mu mmarima ne mmea nyinaa a wɔn koma kaa wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a Awurade nam Mose so hyɛe sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamye ayɛyɛde brɛɛ Awurade.
30
Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Monhwɛ, AWURADE afrɛ Hura ba Uri ba Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu,
31
na ɔde Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni nyinaa mu,
32
sɛ onni adwinni horow, sika ne dwetɛ ne kɔbere,
33
ne nsisimu abo mu nkurukyerɛwee ne nnua sinsen ne adwinni ahorow,
34
na ɔde ahyɛ ne komam sɛ ɔnkyerɛ ebinom nso, ɔno ne Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu no.
35
Wɔn na ɔde komam nyansa ahyɛ wɔn ma sɛ wonni adwinni horow nyinaa, sikadwumfo ne duadwumfo ne ɔnwemfo a odi bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa mu adwinni ne ntamanwemfo de: wɔn a wodi adwinni biara, ne wɔn a wɔbɔ wɔn tirim di adwinni horow.
← Chapter 34
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 36 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40