bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Genesis 12
Genesis 12
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 13 →
1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo de, fi w'asase so ne w'abusua mu ne w'agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.
2
Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo, na mama wo din so, na woayɛ nhyira.
3
Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.
4
Na Abram kɔe sɛnea AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram fii Haran no, na wadi mfe aduɔsɔn anum.
5
Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahode a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wofii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na woduu Kanaan asase so.
6
Na Abram twaam asase no so koduu baabi a wɔfrɛ hɔ Sikem, toaa so koduu More pɔw ho. Nso bere no mu no, na Kanaanfo wɔ asase no so.
7
Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kae sɛ: W'asefo na mede asase yi mɛma wɔn. Na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE a oyii ne ho adi kyerɛɛ no no.
8
Na otutu fii hɔ kɔɔ Betel apuei bepɔw bi so, na osii ne ntamadan, Betel da atɔe, na Ai da apuei; na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE.
9
Na Abram dii atutena ara kɔɔ negeb.
10
Na ɔkɔm baa asase no so, na Abram sian kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔho wɔ hɔ, efisɛ ɔkɔm no mu yɛɛ den asase no so.
11
Na ɔreyɛ adu Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, minim sɛ woyɛ ɔbea a wo ho yɛ fɛ,
12
na ɛbɛba sɛ Misraimfo hu wo a, wɔbɛka sɛ ne yere ni, na wɔakum me, na wɔama woatena ase.
13
Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yiye, na matena ase.
14
Na Abram duu Misraim no, Misraimfo huu ne yere no sɛ ne ho yɛ fɛ sɛ.
15
Na Farao atitiriw huu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbea no kɔɔ Farao fi.
16
Na ne nti ɔyɛɛ Abram yiye; na onyaa nguan ne anantwi ne mfurum ne nkoa ne mfanaa ne mfurummere ne yoma.
17
Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛse haw Farao ne ne fi.
18
Na Farao frɛɛ Abram kae sɛ ɛdɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yere?
19
Adɛn nti na wuse: ɔyɛ me nua? Na afei, hwɛ, wo yere ni, fa no na kɔ wo kwan.
20
Na Farao tuu nnipa maa no sɛ wonkogya no ne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa kwan.
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 13 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50