bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Genesis 32
Genesis 32
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 31
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 33 →
1
Na Yakob sii ne kwan so. Na Onyankopɔn abɔfo behyiaa no.
2
Na Yakob huu wɔn no, ɔkae sɛ: Onyankopɔn asafo ni. Na ɔtoo hɔ din: Mahanaim.
3
Na Yakob tutuu abɔfo dii n'anim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn Seir asase so wɔ Edom wuram.
4
Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Sɛnea monka nkyerɛ me wura Esau ne sɛ: W'akoa Yakob se: Mekɔtenaa Laban nkyɛn na ɛhɔ na mewɔ de abedu sesɛɛ,
5
na manya anantwi ne mfurum, nguan ne nkoa ne mfenaa; na masoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura, na manya w'anim dom.
6
Na abɔfo no san baa Yakob nkyɛn bɛkae sɛ: Yɛakɔ wo nua Esau nkyɛn, na ɔno nso ne mmarima ahanan reba abehyia wo.
7
Ɛnna Yakob suroe sɛ, na ne ho hiaa no; na ɔkyɛɛ nkurɔfo a wɔwɔ ne nkyɛn, ne nguan, anantwi ne yoma no mu akuw abien kae sɛ:
8
Sɛ Esau ba kuw biako so bekum wɔn a, ekuw a ɛbɛka no benya ɔkwan aguan.
9
Na Yakob kae sɛ: M'agya Abraham Nyankopɔn ne m'agya Isak Nyankopɔn, AWURADE a wusee me sɛ: San kɔ w'asase so ne w'abusua mu na mɛyɛ wo yiye no,
10
w'adɔe ne wo nokware a wode akyerɛ w'akoa yi mu biara nsɛ me, efisɛ mede me poma na mitwaa Yordan yi, na afei mayɛ akuw abien.
11
Mesrɛ wo, yi me fi me nua, Esau nsam, efisɛ misuro no sɛ ɔbɛba abekum me ne ɛnanom ne wɔn mma nyinaa.
12
Wo na wokae sɛ: Yiye na mɛyɛ wo, na mɛma w'asefo ayɛ sɛ mpoano anwea a dodow nti wontumi nkan.
13
Na ɔtenaa hɔ anadwo no; na oyii nea ɛwɔ ne nsam bi sɛ ɔde rekɔkyɛ ne nua Esau;
14
mmirekyibere ahanu ne mpapo aduonu, nguammere ahanu ne adwennini aduonu,
15
yoma a wɔma nufu ne wɔn mma aduasa, anantwibere aduanan ne anantwinini du, mfurummere aduonu ne mfurum anini du.
16
Na ɔde hyɛɛ ne nkoa nsa akuwakuw, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: Monsen nni me kan, na momma kuw ne kuw ntam mpan.
17
Na ɔhyɛɛ nea odi kan no sɛ: Sɛ me nua Esau behyia wo, na obisa wo sɛ: Hena nipa ne wo, na ɛhe na worekɔ, na eyinom a edi w'anim yi yɛ hena dea?
18
Ka kyerɛ no sɛ: W'akoa Yakob dea; ɛyɛ ayɛyɛde a wasoma de rebrɛ me wura Esau; na hwɛ, ɔno nso wɔ yɛn akyi.
19
Na ɔhyɛɛ nea ɔto so abien ne nea ɔto so abiɛsa ne wɔn a wodi mmoakuw no akyi nyinaa nso sɛ: Sɛ mukohu Esau a, monka asɛm yi nkyerɛ no.
20
Na monka nsi so sɛ: Hwɛ, w'akoa Yakob wɔ yɛn akyi. Na ose: Mede ayɛyɛde a edi m'anim yi merekɔpata no, ansa na mahu n'anim; ebia ɔbɛhwɛ m'anim.
21
Na ayɛyɛde no sen dii n'anim; na ɔno de, ɔtenaa nsra no mu anadwo no.
22
Na anadwo no ɔsɔree, na ɔfaa ne yerenom baanu, ne ne mmaawa baanu no, ne ne mma dubiako no de wɔn kotwaa Yabok asutwaree.
23
Na ɔde wɔn twaa asubɔnten no, na ɔmaa nea ɔwɔ nyinaa twae.
24
Na ɛkaa Yakob nko ara. Na ɔbarima bi ne no bɛtentamee koduu adekyee.
25
Na ɔbarima no hui sɛ ontumi no no, ɔkaa n'asen so tokuru mu, na Yakob dwonku huanee tentam a ɔne no tentamee no mu.
26
Na ɔbarima no kae sɛ: Ma menkɔ, na ade rekye. Na Yakob se: Meremma wonkɔ gye sɛ wuhyira me.
27
Na obisaa no sɛ: Wo din de dɛn? Na ose: Yakob.
28
Na ɔkae sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ wo Israel, ase ne: Onyankopɔn kofoni, efisɛ wo ne Nyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.
29
Na Yakob bisaa no sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me wo din. Na ose ɛdɛn nti na wubisa me din? Na ohyiraa no wɔ hɔ.
30
Na Yakob too hɔ din Peniel, ase ne: efisɛ ose: Me ne Nyankopɔn adi nhuanim nso me kra anya nkwa.
31
Otwaa mu wɔ Peniel, bere a na owia apue no, na ɔtɔ gu so ne dwonku a ahuan no nti.
32
Enti Israelfo nni ntini a ɛwɔ asen mu akwaa tokuru mu no de besi nnɛ, efisɛ ɔkaa Yakob dwonku tokuru mu, n'asen mu ntini no so.
← Chapter 31
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 33 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50