bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Genesis 35
Genesis 35
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 34
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 36 →
1
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ, Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔremuka wɔ hɔ ma Onyankopɔn a oyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woreguan afi wo nua Esau anim no.
2
Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montotow anyame ananafo a ɛwɔ mo mu ngu, na munnwira mo ho, na monsakra mo ntade.
3
Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na minkosi afɔremuka wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m'ahohia da otiee me, na odii m'akyi wɔ ɔkwan a mekɔe no mu no.
4
Ɛnna wɔde wɔn anyame ananafo a ɛwɔ wɔn nsam nyinaa ne wɔn aso mu nkaa maa Yakob, na Yakob de koraa dupɔn bi a ɛwɔ Sekem ho no ase.
5
Na wosiim sɛ wɔrekɔ no; Onyankopɔn ho hu baa nkurow a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔantiw Yakob mma no.
6
Na Yakob ne nkurɔfo a wɔka ne ho nyinaa duu Lus a ɛwɔ Kanaan asase so a ɛne Betel.
7
Na osii hɔ afɔremuka, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ase ne: Betel Nyankopɔn, efisɛ da a ɔreguan afi ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.
8
Na Rebeka gyigyefo Debora wui, na wosiee no Betel anafo fam wɔ odum bi ase, na ɔtoo no din Alonbakut.
9
Na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ Yakob bio, ne ba a ofii Mesopotamia bae no mu, na ohyiraa no.
10
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Wo din de Yakob, nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom Israel ne wo din; na ɔtoo ne din Israel.
11
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn: dɔ na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo befi wo mu aba, na ahene fi w'asen mu bɛba.
12
Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede mɛma wo; na w'asefo a wobedi w'akyi no na mede asase no mɛma wɔn.
13
Na Onyankopɔn fii ne nkyɛn wɔ nea ɔne no kasae hɔ kɔɔ ɔsoro.
14
Na Yakob de odum sii nea ɔne no kasae hɔ, ɔbodum, na ohwiei ɔnom afɔre guu so, na ɔde ngo guu so.
15
Na Yakob frɛɛ nea ɔne Nyankopɔn kasae hɔ Betel.
16
Na wotutu fii Betel kɔe. Na aka ɔkwan tiaa bi na wɔadu Efrat no, awo kaa Rahel, na awo no den no.
17
Na n'awo no mu yɛɛ den no, awogyefo no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na eyi nso wobɛwo babarima.
18
Na ne kra refi ne mu na ɔreyɛ awu no, ɔtoo no din Benoni, ase ne: M'amanehunu ba, na n'agya de, ɔfrɛɛ no Benyamin ase ne: Ahotɔ ba.
19
Na Rahel wui, na wosiee no Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn
20
Na Yakob sii ne da so dum, ɛne Rahel da so dum de besi nnɛ.
21
Na Israel tutu kosii ne ntamadan wɔ Eder abantenten akyi no ho.
22
Na Israel te asase no so no, Ruben ne n'agya abaawayere Bilha kɔdae, na Israel tee.
23
Nso Yakob mmammarima si dumien; Lea mma ne Ruben Yakob abakan ne Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.
24
Rahel mma ne Yosef ne Benyamin.
25
Na Rahel abaawa Bilha mma ne Dan ne Naftali.
26
Na Lea abaawa Silpa mma ne Gad ne Aser. Eyinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn maa no wɔ Mesopotamia.
27
Na Yakob baa n'agya Isak nkyɛn wɔ Mamre, wɔ Kiriat-arba a ɛne Hebron, nea Abraham ne Isak tenae sɛ ahɔho no.
28
Na Isak nna nyinaa si mfirihyia ɔha aduɔwɔtwe.
29
Na Isak gyaa mu, na owui, na otiw ne nananom kɔɔ asamando, na wabɔ akora, na nna amee no. Na ne mma Esau ne Yakob siee no.
← Chapter 34
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 36 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50