bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Genesis 4
Genesis 4
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 5 →
1
Na Adam ne ne yere Hawa hyiae, na onyinsɛnee, na ɔwoo Kain, na ɔkae se: AWURADE adaworoma, manya ɔbarima.
2
Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛɛ oguanhwɛfo, na Kain de, ɔyɛɛ okuafo.
3
Na ɛbae sɛ nna bi akyi no, Kain de afum nneɛma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ.
4
Na Habel nso de ne nguan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔ no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n'ayɛyɛde no,
5
nanso Kain ne n'ayɛyɛde de, n'ani ansɔ. Na Kain bo fuwii pii, na omunae.
6
Na AWURADE bisaa Kain sɛ ɛdɛn nti na wo bo afuw, na ɛdɛn nti na woamuna yi?
7
Sɛ woyɛ papa a, anka w'anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ papa nti, bɔne butuw ɔpon ano, na w'akyi kwan na ɛrehwehwɛ, nanso di no so.
8
Na Kain ka kyerɛɛ ne nua Habel sɛ ɔmma wɔnkɔ afum, na ɛbae sɛ wɔwɔ afum no, Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no.
9
Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Ɛhe na wo nua Habel wɔ? Na Kain buae sɛ: Minnim, me nua so hwɛfo ne me anaa?
10
Na AWURADE se: Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.
11
Na afei wɔadome wo afi asase a abue n'ano agye wo nua mogya afi wo nsam no so.
12
Sɛ wodɔw asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbae bio, wobɛbɔ asesa na waye ɔkobɔfo wɔ asase so.
13
Na Kain ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Me bɔne so ade so kyɛn sɛ metumi masoa.
14
Hwɛ, woapam me nnɛ afi asase so, na mehintaw mafi w'anim, na mayɛ ɔsesafo ne ɔkobɔfo wɔ asase so, na obiara a obehu me no, obekum me.
15
Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛno nti obiara a obekum Kain no, wobedi ne were ahorow asɔn. Na AWURADE yɛɛ sɛnkyerɛnne bi maa Kain, na obiara a obehu no no ankum no.
16
Na Kain fii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apuei.
17
Na Kain ne ne yere Hawa dae, na onyinsɛnee, na ɔwoo Enok. Na ɔkyekyeree kurow bi, na ɔde ne ba Enok din too kurow no.
18
Na wɔwoo Irad maa Enok, na Irad woo Mehuyael, na Mehuyael woo Metusael, na Metusael woo Lamek.
19
Na Lamek faa mmea baanu waree, obiako din de Ada, na nea ɔka ho no din de Sila.
20
Na Ada woo Yabal, ɔno na ɔyɛ ntamadan mu ne mmoa ho tenafo agya.
21
Na ne nua din de Yubal, ɔno na ɔyɛ asankubɔfo ne mmɛnhyɛnfo nyinaa agya.
22
Na Sila nso woo Tubal-kain a ɔyɛ kɔbere mfrafrae ne dade ade nyinaa atomfo agya. Na Tubal-kain ne nuabea ne Naama.
23
Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom sɛ: Ada ne Sila, muntie me nne; Lamek yerenom, monyɛ aso mma m'asɛm: Mikum aberante bi sɛ opiraa me, na mikum aberante sɛ ɔboroo me.
24
Na sɛ wodi Kain so were mpɛn ason a, Lamek de bɛyɛ aduɔsɔn asɔn.
25
Na Adam ne ne yere dae bio, na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Set a ase ne: Nsiananmu, sɛ Onyankopɔn de ɔba foforo asi me Habel a Kain kum no no anan mu.
26
Na Set nso, wɔwoo ba maa no, na ɔtoo no din Enos. Ɛbere no mu na wofii ase bɔɔ AWURADE din sɔree no.
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 5 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50