bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Genesis 6
Genesis 6
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 7 →
1
Na nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no,
2
Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.
3
Na AWURADE kae sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu.
4
Nna no mu na abran akɛse wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirempɔn a wɔwɔ din fi tete.
5
Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.
6
Na AWURADE nuu ne ho sɛ, ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam.
7
Na AWURADE kae sɛ: Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani, efi onipa so kosi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne wim nnomaa so, efisɛ manu me ho sɛ meyɛɛ wɔn.
8
Na Noa de, onyaa ɔdom wɔ AWURADE anim.
9
Eyi ne Noa ho asɛm: Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ, wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.
10
Na Noa woo mmabanin baasa, Sem, Ham ne Yafet.
11
Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na awurukasɛm ahyɛ asase so ma.
12
Na Onyankopɔn huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ nnipa nyinaa asɛe wɔn akwan wɔ asase so.
13
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔde nyinaa awiei aba wɔ m'anim, efisɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.
14
Fa ɔwawa yɛ adaka, na yɛ mpia wɔ adaka no mu, na fa ama tare emu ne ɛho.
15
Na sɛnea yɛ no ni: Ne ntwemu basafa ɔha aduonum, ne trɛw basafa aduonum anum, ne korɔn basafa dunum.
16
Yɛ adaka no ho mfɛnsere, enkosi sɛ aka basafa biako na adu soro, na si adaka no ano pon ne nkyɛn mu, na yɛ nsɛmso abiɛsa, nea edi ase, nea edi ntam ne nea edi soro.
17
Na hwɛ, mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe abɔde a nkwa home wɔ mu nyinaa ɔsoro ase; asase so ade nyinaa rebewuwu.
18
Na me ne wo bɛpam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo, ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom.
19
Na fa ade a ɛte ase nyinaa, ɔhonam nyinaa mu abien abien, onini ne ɔbere, kɔ adaka no mu, na wonnya nkwa nka wo ho.
20
Nnomaa, sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa, sɛnea wɔn su te, wɔn nyinaa mu abien abien mmra wo nkyɛn, na wɔanya nkwa.
21
Na wo de, boaboa aduan a wodi nyinaa bi ano kɔ mu, na ayɛ wo ne wɔn aduan.
22
Na Noa yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no nyinaa pɛpɛɛpɛ, saa ara na ɔyɛe.
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 7 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50