bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Genesis 16
Genesis 16
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 17 →
1
Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afanaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar.
2
Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asiw m'awo ho kwan, enti kɔ m'afenaa nkyɛn, ebia menya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.
3
Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirihyia du no, Abram yere Sarai faa n'afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu Abram aware.
4
Na ɔkɔɔ Hagar ho, na onyinsɛnee. Na ohui sɛ wanyinsɛn no, obuu n'awuraa animtiaa.
5
Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wɔadi me da wo so. Me na mede m'afenaa mato wo kokom, na ohuu sɛ wanyinsɛn nti, obu me animtiaa. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.
6
Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w'afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛnea eye w'ani so. Na Sarai tan n'ani na oguan fii ne nkyɛn.
7
Na AWURADE bɔfo huu no nsu aniwa bi ho wɔ sare so, Sur kwan so nsu aniwa no ho.
8
Na ɔkae sɛ: Hagar, Sarai afanaa, wufi he na woreba, na worekɔ he ni? Na ose: Mifi m'awuraa Sarai anim na mereguan.
9
Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: San kɔ w'awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase hyɛ ne nsa ase.
10
Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ, na dodow nti wɔrentumi nkan wɔn.
11
Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woanyinsɛn, na wobɛwo ba, na wobɛto no din Ismael, ase ne: Onyankopɔn tie, efisɛ AWURADE ate w'amanehunu.
12
Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ sare so afurum, ne nsa bɛtia nnipa nyinaa, na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.
13
Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasae no din sɛ: Wone El-roi, na ose: So mahu nea ohu me no ampa?
14
Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beerlahairoi, ase ne: Ɔteasefo a ohu me no abura, hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam.
15
Na Hagar woo ba maa Abram, na Abram frɛɛ ne ba a Hagar woo no sɛ: Ismael.
16
Na Hagar woo Ismael maa Abram no, na Abram adi mfe aduɔwɔtwe asia.
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 17 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50