bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Genesis 33
Genesis 33
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 32
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 34 →
1
Na Yakob maa n'ani so hui, na hwɛ, Esau reba, na mmarima ahanan ka ne ho. Na ɔkyɛɛ ne mma mu maa Lea ne Rahel ne mmaawa baanu no.
2
Na ɔde mmaawa no ne wɔn mma dii anim, na Lea ne ne mma dii hɔ, na Rahel ne Yosef dii akyiri.
3
Na ɔno ankasa de, ɔsen dii wɔn anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam mpɛn ason de kosii sɛ oduu ne nua no nkyɛn.
4
Na Esau tuu mmirika behyiaa no yɛɛ no atuu, na ɔde ne ti too ne kɔn ho, na ofew n'ano, na wosui.
5
Na ɔmaa n'ani so huu mmea no ne wɔn mma no, ɔkae sɛ: Henanom ne eyinom a wɔka wo ho yi? Na ose: ɛyɛ mma a Onyankopɔn de adom w'akoa.
6
Na mmaawa no twiw bɛnee, wɔn ne wɔn mma, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase.
7
Na Lea nso ne ne mma twiw bɛnee bobɔɔ wɔn mu ase, na akyiri no Yosef ne Rahel twiw bɛnee bobɔɔ wɔn mu ase.
8
Na ɔkae sɛ: Na ɛdɔm a mihyiaa wɔn yi ase ne dɛn? Na ose: Sɛ ɛbɛyɛ na menya me wura anim dom.
9
Na Esau kae sɛ: Nea mewɔ dɔɔso, me nua, ma wo de ntena hɔ mma wo.
10
Na Yakob kaa se: Dabida, mesrɛ wo, sɛ manya w'anim dom a, gye m'ayɛyɛde a ɛwɔ me nsam yi, na w'anim a mahu yi te sɛ obi hu Nyankopɔn anim, efisɛ w'ani asɔ me.
11
Mesrɛ wo, gye nhyira a wɔde abrɛ wo yi, efisɛ Onyankopɔn adom me, na mewɔ ade nyinaa. Na ɔhyɛɛ no, na ogyei.
12
Na ɔkae sɛ: Ma yensim nkɔ, na minni w'anim.
13
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura nim sɛ mma a wɔyɛ mmerɛw ne nguan ne anantwi a wɔma nufu ka me ho, na sɛ wopia wɔn dodo da koro a, nguankuw no nyinaa bewuwu.
14
Enti ma me wura ntwam nni n'akoa kan, na me de, mɛnantew brɛoo, sɛnea mmoa a wodi m'anim ne mma no betumi, de akosi sɛ medu me wura nkyɛn wɔ Seir.
15
Na Esau kae sɛ: Ma minnyaw wo nnipa a wɔka me ho yi bi. Na ose: Na wɔnyɛ dɛn? Ma minnya me wura anim dom.
16
Ɛnna Esau san da no ara sii kwan so kɔɔ Seir.
17
Na Yakob siim kɔɔ Sukot, na osii dan wɔ hɔ, na ɔbobɔɔ asese maa ne mmoa; enti wɔfrɛ hɔ Sukot, ase ne: Asese.
18
Na Yakob fii Mesopotamia no, ɔnam beduu Sekem kurow a ɛwɔ Kanaan asase so no mu dwoodwoo, na osisii ne ntamadan wɔ kurow no anim.
19
Na ɔtɔɔ asase a osii ne ntamadan wɔ so no wɔ Sekem n'agya Hamor mma nkyɛn, nnwetɛbona ɔha.
20
Na osii afɔremuka wɔ hɔ, na ɔtoo no: El-Elohe-Israel, ase ne: Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn.
← Chapter 32
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 34 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50