bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Genesis 7
Genesis 7
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 8 →
1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fi nyinaa, monkɔ adaka no mu, efisɛ wo na mahu wo ɔtreneeni m'anim bere yi mu.
2
Mmoa a wɔn ho tew nyinaa mu, fa ason asɔn, anini ne abere. Na mmoa a wɔn ho ntew mu, fa abien abien, onini ne ɔbere;
3
wim nnomaa mu nso, ason asɔn, anini ne abere, na wɔn ase nnya nkwa asase nyinaa ani.
4
Efisɛ aka ɛha nnansɔn na matɔ osu magu asase so adaduanan awia ne anadwo, na mapopa ade a nkwa wom nyinaa afi asase ani.
5
Na Noa yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no nyinaa.
6
Na nsuyiri no baa asase so na Noa adi mfirihyia ahansia.
7
Na nsu a ɛrebeyiri no nti, Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.
8
Mmoa a wɔn ho tew ne mmoa a wɔn ho ntew ne nnomaa ne wɔn a wɔwea asase so nyinaa mu
9
abien abien ne Noa kɔɔ adaka no mu, onini ne ɔbere, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ Noa no.
10
Na nnansɔn akyi no, nsuyiri baa asase so.
11
Noa nkwa mu afe a ɛto so ahansia mu, ɔsram a ɛto so abien so, ɔsram no dadu nnansɔn so, da no ara ebun kɛse no nsu aniwa nyinaa paepaee, na ɔsoro mfɛnsere buebuei.
12
Na osu tɔɔ asase so pii adaduanan awia ne anadwo.
13
Saa da yi ara (nsuyiri yi hyɛɛ ase no) mu na Noa ne ne mma, Sem, Ham ne Yafet, ne Noa yere ne ne mma yerenom baasa kɔɔ adaka no mu,
14
wɔn, ne mmoadoma nyinaa, sɛnea wɔn su te, ne ntɔteboa nyinaa, sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa, sɛnea wɔn su te, ne ntuboa nyinaa, sɛnea wɔn su te, nnomaa ne ntakraboa nyinaa,
15
wɔne Noa kɔɔ adaka no mu, ɔhonam a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa mu abien abien.
16
Na wɔn a ɛbae no, ɔhonam nyinaa mu anini ne abere na ɛbae, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no, na AWURADE too no mu.
17
Na nsuyiri no baa asase so adaduanan, na nsu no tɔe, na ɛsoaa adaka no, na ɛmaa so fii asase so.
18
Na nsu no boroo so na eyirii dodo wɔ asase so; na adaka no tɛn nsu no ani.
19
Na nsu no boroo so ara wɔ asase so, na ɛkataa mmepɔw atenten a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa so.
20
Nsu no boroo so kɔɔ soro basafa ason ne fa kataa mmepɔw so.
21
Na abɔde a ɛkeka ne ho asase so nyinaa wuwui, nnomaa, ntɔteboa, wuram mmoa, mmoa a wɔwea asase so nyinaa, ne nnipa nyinaa,
22
wɔn a nkwa home wɔ wɔn mu, na wɔte asase kesee so nyinaa wuwui.
23
Na ɔpopaa biribiara a nkwa wom a ɛwɔ asase ani, efi nnipa so kosi ntɔteboa ne mmoa a wɔwea ne wim nnomaa so, na wɔpopaa wɔn fii asase so, na ɛkaa Noa nko ne wɔn a wɔne no wɔ adaka no mu no.
24
Na nsu no boroo so wɔ asase so nna ɔha aduonum.
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 8 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50