bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Chronicles 1
2 Chronicles 1
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 2 →
1
Na Dawid ba Solomon hyɛɛ ne ho den n’ahenni so, na AWURADE, ne Nyankopɔn dii n’akyi na ɔmaa no soe kɛse pa ara.
2
Na Solomon kasa kyerɛɛ Israelfo nyinaa, mpem ne ɔha ha so asafohene ne akannifo ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ mpanyimfi atitiriw no nyinaa.
3
Na Solomon ne bagua a wɔka ne ho no nyinaa siim kɔɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no. Na ɛhɔ na Onyankopɔn ahyiae ntamadan a AWURADE akoa Mose yɛe sare so no wɔ.
4
Nso Onyankopɔn adaka no de, Dawid kɔfa fii Kiriat-yearim de baa nea Dawid siesie maa no no, na osii ntamadan maa no Yerusalem.
5
Na kɔbere afɔremuka a Hur ba Uri ba Besalel yɛe no si AWURADE tenabea no anim hɔ, na Solomon ne bagua no kɔhwehwɛɛ akyi kwan.
6
Na Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ hɔ, kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim ahyiae ntamadan no anim no so, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre apem.
7
Anadwo no ara na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Srɛ nea memma wo.
8
Ɛnna Solomon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Wo na woyɛɛ m’agya Dawid adɔe kɛse, na woayɛ me ɔhene asi n’ananmu.
9
Afei, AWURADE Nyankopɔn, ma w’asɛm ntim mma m’agya Dawid. Na wo na woasi me hene, ɔman a wɔdɔɔso sɛ asase so mfutuma so,
10
afei, ma me nyansa ne nimdeɛ na mimfi adi ɔman yi anim na memmra mu, na ɛhena na obebu wo man kɛse yi atɛn?
11
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Solomon sɛ: Esiane sɛ eyi wɔ wo koma mu, na woammisa ahonya, akorade ne anuonyam ne w’atamfo kra, na nna dodow nso woammisa, na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ, sɛ wode bebu me man a mayɛ wo wɔn so hene no atɛn yi,
12
nyansa ne nimdeɛ no, wɔde ama wo, na ahonya ne akorade ne anuonyam nso, mɛma wo, a ahene a wodii w’anim no nnyaa no saa da, na w’akyi nso wɔrennya no saa.
13
Ɛnna Solomon fi sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no ne ahyiae ntamadan no anim baa Yerusalem, na odii Israel so hene.
14
Na Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ano, na onyaa nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔsotefo pedumien, na ɔde wɔn duaa nteaseɛnam nkurow mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.
15
Na ɔhene maa dwetɛ ne sika yɛe sɛ abo Yerusalem, na nkyeneduru nso ɔmaa ne dodow yɛe sɛ ankye a ɛwowɔ tataw so.
16
Na Solomon apɔnkɔ a wɔde fi Misraim ba no de, ɔhene aguadifo asafo na wɔkɔtotɔ apɔnkɔkuw sɛ wɔn bo te de ba.
17
Na wɔde teaseɛnam a ne bo yɛ dwetɛ nnwetɛbona ahansia ne ɔpɔnkɔ nso a ne bo yɛ ɔha aduonum fi Misraim ba. Na saa na wokura bi de fi brɛ Hetifo ahemfo ne Siria ahemfo nyinaa.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36