bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Chronicles 4
2 Chronicles 4
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 5 →
1
Na ɔyɛɛ kɔbere afɔremuka, ne ntwemu basafa du, na ne trɛw basafa du, na ne korɔn basafa anum.
2
Na ɔyɛɛ aguaresɛn no kukuruwa, efi ano kosi ano yɛ basafa anum, na basafa abien ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum hama na etwa ho hyia.
3
Na kukuduuduu nsɛso wowɔ ase de twa ɛho nyinaa hyia, edu wɔ anammɔn biako ne fa mu, ɛbɔ ɛpo no ho kontonkron, kukuduuduu akyerɛpɛn abien, wogui ne gu ara mu.
4
Ɛwɔ anantwi dumien so, abiɛsa hwɛ benkum fam, na abiɛsa hwɛ atɔe, na abiɛsa hwɛ nifa fam, na abiɛsa hwɛ apuei; na ɛpo no taa wɔn so ɔsoro, na wɔn akyi nyinaa wɔ emu fam.
5
Na ne pipripi yɛ nsayam trɛw, na ɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahan, na galɔn mpem dunum kɔ mu.
6
Na ɔyɛɛ aguasɛn du, na ɔde anum sisii nifa fam na ɔde anum nso sisii benkum fam, sɛ wɔnhohoro nneɛma ho wɔ mu; ɔhyew afɔre nneɛma no na wɔhohoro ho wɔ mu; na ɛpo no de, ɛwɔ hɔ ma asɔfo, na wɔahohoro wɔn ho wɔ mu.
7
Na ɔyɛɛ sika akaneadua du sɛ ne yɛbea te, na ɔde sisii asɔredan no mu, anum wɔ nifa fam, na anum nso wɔ benkum fam.
8
Na ɔyɛɛ apon du de sisii asɔredan no mu, anum wɔ nifa, na anum wɔ benkum; na ɔyɛɛ sika nkora ɔha.
9
Na ɔyɛɛ asɔfo abangua ne ban mu adiwo kɛse no, na ɔde apon sisii adiwo no ano, na ɔde kɔbere duraa apon no ho.
10
Na ɔde po no sii nkyɛn mu wɔ nifa, apuei a ɛkyerɛ nifa fam.
11
Na Huram yɛɛ nseaa ne sesaw ade ne nkora no nso. Na Huram wiee adwuma a ɔyɛ maa ɔhene Solomon Onyankopɔn fi no yɛ,
12
adum abien no ne apɔw no ne adum no atifi aduntiri abien no ne ntontan abien a wɔde kataa adum no atifi ntaasotiri apɔw abien no ho no,
13
ne ntontan abien no akutu ahannan, akutu kyerɛpɛn abien yɛ ntontan biako de, sɛ ɛnkata adum no so ntaasotiri abien apɔw no ho;
14
na ɔyɛɛ nsugye nnaka du no, na ɔyɛɛ nnyinaso nnaka no so aguasɛn du no;
15
ɛpo biako ne ase anantwi dumien no,
16
ne nseaa ne sesaw ade ne adinam no ne ɛho nneɛma nyinaa, Huram-abi yɛ maa ɔhene Solomon maa AWURADE fi no, ɛyɛ kɔbere a wɔabere ho hyɛnhyɛn.
17
Yordan ho tataw mu na ɔhene gui, dɔte a wɔapiw mu, Sukot ne Sereda ntam.
18
Na Solomon yɛɛ nneɛma yi nyinaa bebree pa ara, na wonnim kɔbere no nkarii ano.
19
Na Solomon yɛɛ Onyankopɔn fi nneɛma no nyinaa, ne sika afɔremuka no, ne apon a Kyerɛ Abodoo sisi so no,
20
ne akaneadua no ne ɛho akanea a wɔsɔ no sɛ ne yɛbea, mpiakyiri no anim no, ɛyɛ sika amapa,
21
na ɛho nhwiren ne akanea ne adabaw no yɛ sika: Ne nyinaa yɛ sika ara nko.
22
Na adumgya, nkora, aduhuam kukuwa ne nsrama nkukuwa no yɛ sika amapa kronkron, na ɔdan no ano apon a ɛwɔ emu fam, kronkron mu kronkronbea ho no, ne asɔrefi dan no apon no yɛ sika.
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 5 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36