bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Chronicles 7
2 Chronicles 7
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 8 →
1
Na Solomon wiee mpaebɔ no, ogya fi soro bɛhyew ɔhyew afɔre ne okum afɔre no, na AWURADE anuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.
2
Na asɔfo no antumi anhyɛn AWURADE dan no mu, efisɛ AWURADE anuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma.
3
Na Israel mma no nyinaa hui sɛ ogya ne AWURADE anuonyam abeduru ofi no so no, wɔde wɔn anim butubutuw fam abo nsɛwee no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ, “Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa”.
4
Na ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ okum afɔre AWURADE anim.
5
Na ɔhene Solomon de anantwi peduonu abien ne nguan peha aduonu bɔɔ okum afɔre, na ɔhene ne ɔman no nyinaa dwiraa Onyankopɔn fi no.
6
Na asɔfo no gyinagyina hɔ wɔn som nnwuma so, na Lewifo no nso kurakura AWURADE asanku a ɔhene Dawid yɛe sɛ wɔmfa nna AWURADE ase sɛ, “N’adɔe wɔ hɔ daa”, bere a Dawid nam wɔn so yii ayɛ no. Na asɔfo no hyenhyɛn ntorobɛnto, wɔn ntentenso, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.
7
Na Solomon yɛɛ abangua a ɛwɔ AWURADE dan no anim no kronkron, na ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre na ɔhyew asomdwoe afɔre ho srade no, efisɛ kɔbere afɔremuka a Solomon yɛe no, ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne sradenam no nsen so.
8
Ɛbere no mu no, Solomon dii nnapɔnna no nnansɔn, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛse pa a wofi nea wɔrekɔ Hamat kosi Misraim subon ano.
9
Na ɛda a ɛto so awotwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiam, na afɔremuka no dwira, wodii no nnansɔn, ne nnapɔnna no nso, nnansɔn.
10
Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so aduonu abiɛsa no, ogyaa ɔman no kwan ma wɔkokɔɔ wɔn afi. Na wɔn ani gyei na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a AWURADE ayɛ Dawid ne Solomon ne ne man Israel no nti.
11
Na Solomon wiee AWURADE fi ne ɔhene fi no. Na nea ɛbaa Solomon koma mu sɛ ɔbɛyɛ AWURADE fi ne ne fi mu no nyinaa wiee yiye.
12
Na AWURADE beyii ne ho kyerɛɛ Solomon anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ, na mayi ha mafa sɛ afɔrebɔ fi.
13
Hwɛ, sɛ meto ɔsoro mu na osu ntɔ, na sɛ mehyɛ mmoadabi sɛ wommedi asase no so ade, na sɛ mede ɔyaredɔm meba me man mu,
14
na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn so no, brɛ wɔn ho ase, na wɔbɔ mpae, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsan fi wɔn kwammɔne no so a, me nso mefi soro matie, na mede wɔn bɔne makyɛ, na masa wɔn asase no yare.
15
Afei m’ani bebue na mayɛ aso mama ɛha yi mpaebɔ.
16
Na afei mafa ofi yi mayɛ no kronkron, sɛ me din ntena hɔ nkosi daa, na m’aniwa ne me koma bɛtena hɔ nna nyinaa.
17
Na wo de, sɛ wonantew m’anim sɛnea w’agya Dawid nantewee, sɛ wobɛyɛ nea mahyɛ wo nyinaa na woadi m’ahyɛde ne m’atemmude so a,
18
ɛnne mɛma w’ahenni agua atim, sɛnea me ne w’agya Dawid pamee sɛ wɔremma onipa a obedi Israel so mmɔ wo no.
19
Na sɛ mo de, mosan na mugyaw m’ahyɛde ne me mmara nsɛm a mede magu mo anim yi, na mokɔ kɔsom anyame foforo na mosɔre wɔn a,
20
ɛnne metu wɔn afi m’asase a mede memaa wɔn no so, na ofi a mayɛ no kronkron mama me din yi, mɛtow afi m’anim akyene, na mede mayɛ bɛ ne nkasaguaa aman nyinaa mu.
21
Na ɔdan a ɛkorɔn kɔ soro yi, obiara a otwam ho no ho bɛfɔn no na waka sɛ: Efi dɛn so na AWURADE ayɛ asase yi ne ofi yi sɛɛ?
22
Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so no, na wɔakosuso anyame foforo mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na ɔde bɔne yi nyinaa aba wɔn so yi.
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 8 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36