bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Chronicles 16
2 Chronicles 16
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 17 →
1
Asa ahenni afe a ɛto so aduasa asia mu na Israel hene Basa foro baa Yuda so, na ɔkyekyee Rama sɛ ɔde resiw nea ofi adi ne nea ɔba mu, Yuda hene Asa fam, kwan.
2
Ɛnna Asa yii dwetɛ ne sika fii AWURADE fi ne ɔhene fi akorade mu soma kɔmaa Siria hene Ben-hadad a ɔwɔ Damasko no sɛ:
3
Apam wɔ me ne wo ntam, ne m’agya ne w’agya ntam; hwɛ, mabrɛ wo dwetɛ ne sika: Bra bebubu wo ne Israel hene Basa apam no mu, na omfi me so nkɔ.
4
Na Ben-hadad tiee ɔhene Asa, na ɔsomaa ne dɔm so asafohene kɔɔ Israel nkurow so, na wɔkɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-maim ne Naftali nkurow aduan akorae nyinaa.
5
Na Basa tee no, ogyaee Rama kyekye, na ɔmaa n’adwuma no kae.
6
Ɛnna ɔhene Asa faa Yuda nyinaa, na wɔkɔsoaa Rama abo ne nnua a Basa de kyekyee no, na ɔde kyekyee Geba ne Mispa.
7
Na ɛbere no mu no, ɔdehufo Hanani baa Yuda hene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wutweri Siria hene na woantweri AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siria hene dɔm no afi wo nsa.
8
So Etiopiafo ne Libiafo no anyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodow ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mu? Na sɛ wutwerii AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.
9
Na AWURADE de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho no. Eyi mu woadi nkwaseasɛm, na efi sesɛɛ yi akodi bɛda wo hɔ.
10
Na Asa nyaa ɔdehufo no ho abufuw, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, efisɛ ɔfaa no eyi ho abufuw. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛbere no mu.
11
Na hwɛ, Asa ho nsɛm, kan de ne akyiri de no, hwɛ, wɔakyerɛw Yuda ne Israel ahene nhoma no mu.
12
Na Asa yaree ne nan, n’ahenni afe a ɛto so aduasa akron mu, na ne yare no ano yɛ den pa ara, nanso ne yare no mu no, wanhwehwɛ AWURADE, na mmom nnuruyɛfo.
13
Na Asa wui, n’ahenni afe a ɛto so aduanan biako mu.
14
Na wosiee no n’asiei a ɔbɔre fae, Dawid kurow mu no mu. Na wɔde no too nnae a nnuhuam ahorow a wɔafra no adufrafo kwan so ayɛ so ma no so, na wɔhyew ɔhyew kɛse pa maa no.
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 17 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36