bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Chronicles 36
2 Chronicles 36
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 35
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
1
Na asase no sofo no faa Yosia ba Yehoahas sii no hene sii n’agya ananmu Yerusalem.
2
Yehoahas dii mfe aduonu abiɛsa na obedii hene, na odii hene asram abiɛsa Yerusalem.
3
Na Misraim hene no tuu no ade so, Yerusalem, na ogyee asase no aboyuw dwetɛ dwetikɛse ɔha ne sika dwetikɛse.
4
Na Misraim hene no de Yehoahas nua Eliakim sii Yuda ne Yerusalem so hene, na ɔdan ne din Yehoiakim. Na ne nua Yehoahas de, Neko faa no kɔɔ Misraim.
5
Yehoiakim dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne.
6
Ɔno so na Babel hene Nebukadnesar foro bae, na ɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, sɛ ɔde no rekɔ Babel.
7
Na AWURADE fi nneɛma no bi nso Nebukadnesar de kɔɔ Babel kosiee n’ahemfi wɔ Babel.
8
Na Yehoiakim ho nsɛm nkae ne n’akyide a ɔyɛe ne nea wohui ne ho no, hwɛ, wɔakyerɛw no Israel ne Yuda ahene nhoma no mu. Na ne ba Yehoiakin bedii n’ade.
9
Yehoiakin dii mfe awotwe na obedii hene, na odii hene asram abiɛsa ne dadu Yerusalem. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.
10
Na ɔfefɛw bere wɔ afe no mu dui no, ɔhene Nebukadnesar soma bɛfaa no kɔɔ Babel, na AWURADE fi agyapade no nso ɔsoaa ne nyinaa kɔe, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.
11
Sedekia dii mfe aduonu biako na obedii hene, na odii hene mfe dubiako Yerusalem.
12
Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne; wammrɛ ne ho ase odiyifo Yeremia a ɔkasa AWURADE ano no anim.
13
Nanso ɔtew ɔhene Nebukadnesar a ɔma ɔkaa Onyankopɔn ntam no anim atua. Na osen ne kɔn na opirim ne koma sɛ ɔrensan mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.
14
Nso asɔfo no mu mpanyin nyinaa ne ɔman no maa wɔn mmarato dɔɔso pii sɛ wiase amanaman akyide nyinaa, na woguu AWURADE fi a wayɛ no kronkron Yerusalem no ho fi.
15
Na AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne tenabea no.
16
Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ AWURADE abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.
17
Na oyii Kaldeafo hene no baa wɔn so, na ɔde nkrante bekunkum wɔn mmerante, wɔn kronkronbea fi, na wankyɛe aberante ne ababaa, akwakoraa ne nea wafuw dwen so, ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.
18
Na Onyankopɔn fi nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa ne AWURADE fi akorade ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akorade, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel.
19
Na wɔhyew Onyankopɔn fi no, na woburuw Yerusalem fasu no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyewee, na emu afɛfɛde nyinaa sɛee.
20
Na nkae a wɔkae afoa ano no, otutuu wɔn kɔɔ Babel, na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kosii Persia ahenni so,
21
sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kae no mmra mu, sɛ enkosi sɛ asase no bedi ne home mfe no: Amamfoyɛ nna no nyinaa na ɛbɛhome akosi sɛ mfirihyia aduɔsɔn bewie du.
22
Na Persia hene Kores afe a edi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kae no mmra mu nti, AWURADE kanyan Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔkɔpaee n’ahenni nyinaa mu; na wɔkyerɛwee nso sɛ:
23
Sɛ Persia hene Kores se ni: Asase so ahenni nyinaa na AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn no de ahyɛ me nsa, na ɔno ara de ato me so sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda. Mo man muni biara a ɔwɔ mo mu ha no, AWURADE ne Nyankopɔn nni n’akyi; na ɔmforo nkɔ.
← Chapter 35
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36