bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Chronicles 14
2 Chronicles 14
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 15 →
1
Na Abigya wui, na wosiee no Dawid kurow mu, na ne ba Asa bedii n’ade. Ne bere so na asase no so dwoe mfe du.
2
Na Asa yɛɛ nea eye na ɛteɛ Awurade ne Nyankopɔn ani so,
3
na oyiyii ananafo afɔremuka ne sorɔnsorɔmmea no, na oburuw adum no, na otwitwaa Asera nnua no gui.
4
Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara ne n’ahyɛde no so.
5
Na oyiyii Yuda nkurow nyinaa so sorɔnsorɔmmea ne owia ahoni no. Na n’ahenni no mu dwoe wɔ n’ase.
6
Na ɔkyekyee nkurow a ɛyɛ den Yuda, efisɛ asase no so dwoe, na wanko ɔko bi mfe no mu, efisɛ AWURADE maa no ɔhome.
7
Na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Momma yɛnkyekye nkurow yi, na yɛmfa ɔfasu ne aban atenten, apon ne adaban ntwa ho nhyia. Asase yi da so da yɛn anim, efisɛ yɛahwehwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no, na wama yɛn ɔhome afa nyinaa ahyia. Na wɔkyekyee, na esii wɔn yiye.
8
Na Asa wɔ dɔm a wokura akyɛm ne mpeaw: Yuda mu nnipa ɔpehasa ne Benyamin mu nnipa a wokura akyɛm na wokuntun ta ɔpehanu aduɔwɔtwe, mmarima akokodurufo ara nko.
9
Na Etiopiani Serah de dɔm a ano si apem ahorow apem ne nteaseɛnam ahasa tu baa wɔn so, na obeduu Maresa.
10
Na Asa fii adi kohyiaa no, na wɔbaee mpasua mu Sefata bon mu, Maresa ho.
11
Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ ade bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wonni tumi: Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yetweri wo, na wo din mu na yɛnam kɔ nnipa kuw yi so. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdesani nnnya wo so ahoɔden.
12
Ɛnna AWURADE kaa Etiopiafo no gui Asa ne Yuda anim, na Etiopiafo no guanee.
13
Na Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tiw wɔn koduu Gerar. Na Etiopiafo mu nnipa totɔe ara kosii sɛ nkwagye bi anka amma wɔn, na wɔdwerɛw wɔn, AWURADE ne ne dɔm anim. Na wɔfaa asade bebree pa ara.
14
Na wɔsɛee nkurow a etwa Gerar ho hyia no nyinaa, na AWURADE ho hu kitaa wɔn; na wɔfom nkurow no nyinaa, efisɛ asade pii wɔ mu.
15
Na wɔsɛee mmoakuw ntamadan nso, na wɔfaa nguan pii ne yoma kɔe, na wɔsan baa Yerusalem.
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 15 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36