bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Chronicles 17
2 Chronicles 17
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 18 →
1
Na ne ba Yehosafat bedii n’ade na ɔhyɛɛ ne ho den ne Israel dii asi.
2
Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifo duaduaa Yuda asase so ne Efraim nkurow a n’agya Asa gyei no mu.
3
Na AWURADE dii Yehosafat akyi, efisɛ ɔnantew n’agya Dawid kan akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,
4
na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnantewee, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛe no.
5
Na AWURADE maa n’ahenni no timii ne nsam. Na Yuda nyinaa de ayɛyɛde brɛɛ Yehosafat, na onyaa adedodow ne anuonyam bebree.
6
Na ɔnantew AWURADE akwan mu nti onyaa akokoduru de yiyii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua no fii Yuda.
7
Na n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔsomaa n’asafohene Ben-hail ne Obadia ne Sakaria ne Netanel ne Mikaia sɛ wɔnkɔ nkɔkyerɛkyerɛ Yuda nkurow mu.
8
Na Lewifo, Semai, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yonatan, Adonigya, Tobia ne Tob-adonigya a wɔyɛ Lewifo no ka wɔn ho, na asɔfo Elisama ne Yehoram nso ka wɔn ho.
9
Na wɔkɔkyerɛkyerɛe Yuda, na wokura AWURADE mmara nhoma no kyinii Yuda nkurow nyinaa mu kyerɛkyerɛe ɔman no mu.
10
Na AWURADE ho hu baa nsaase a etwa Yuda ho hyia no ahenni nyinaa so, na wɔne Yehosafat anni ako.
11
Na wofi Filistifo mu nso de ayɛyɛde ne dwetɛ beyii tow maa Yehosafat; Arabiafo mpo de nguan brɛɛ no: Adwennini mpemnsɔn ahansɔn, ne mpapo nso mpemnsɔn ahansɔn.
12
Na Yehosafat kɔɔ so yɛɛ kɛse pa ara, na ɔtotoo aban ne aduankora nkurow Yuda.
13
Na ɔwɔ akorade bebree Yuda nkurow mu, ne akofofo, mmarima a wotumi, Yerusalem.
14
Na wɔn nkanee sɛ wɔn mpanyimfi te ni: Yuda mu mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wotumi ɔpehasa ka ne ho.
15
Na ɔno so na ɔsafohene Yehohanan di, na nnipa ɔpehanu aduɔwɔtwe ka ne ho.
16
Na ɔno so na Sikri ba, Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE ayamye so no di, na mmarima a wotumi ɔpehanu ka ne ho.
17
Na Benyamin mu: Ɔbarima a otumi Eliada, na nnipa ɔpehanu a wokura atadua ne akyɛm ka ne ho.
18
Na ɔno so na Yehosabad di, na nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe a wɔamia sɛnea wɔrekɔ sa ka ne ho.
19
Eyinom ne wɔn a wɔsom ɔhene no, ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn duaduaa Yuda nyinaa mu nkurow a ɛyɛ den no mu no.
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 18 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36