bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Chronicles 19
2 Chronicles 19
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 20 →
1
Na Yuda hene Yehosafat san baa ne fi asomdwoe mu Yerusalem.
2
Na Hanani ba Yehu, ɔdehwɛfo no, fi kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ ɔhene Yehosafat sɛ: So ɔbɔnefo na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtan AWURADE no na wodɔ wɔn? Na eyi nti abufuw a efi AWURADE anim da wo so.
3
Nanso wɔahu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afi asase no so, na woasiesie wo koma ahwehwɛ Onyankopɔn.
4
Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Na ɔsan fi kɔɔ ɔman no mu de fi Beer-seba kosii Efraim bepɔw so, na ɔsan wɔn baa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn.
5
Na osisii atemmufo asase no so, Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu mmiako mmiako.
6
Na ɔka kyerɛɛ atemmufo no sɛ: Monhwɛ nea moreyɛ yiye, na ɛnyɛ onipa na morebu atɛn ama no, na mmom AWURADE, na ɔne mo wɔ hɔ atemmu asɛm no mu.
7
Na afei AWURADE ho hu ntena mo so. Monhwɛ mo ho yiye na monyɛ, efisɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne mmoaagye nni ne fam.
8
Na Yerusalem nso, Yehosafat de Lewifo ne asɔfo ne Israel agyanom atitiriw no mu binom sisii AWURADE atemmu ne asɛnni so. Na wɔsan baa Yerusalem.
9
Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Saa na monyɛ AWURADE suro mu, nokware ne koma mu mu.
10
Na ɔham asɛm biara a ɛba mo nkyɛn a efi mo nuanom a wɔtete wɔn nkurow mu na ɛyɛ mogya ne mogya ntam asɛm anaa mmara ne ɛmom, ahyɛde ne atemmu ntam asɛm no, monkyerɛkyerɛ wɔn mu, na wɔanni AWURADE anim so, na abufuw amma mo ne mo nuanom so; monyɛ sa, na morenni so.
11
Na hwɛ, ɔsɔfo Amaria di mo ti, AWURADE nsɛm nyinaa fam, na Ismael ba Sebadia a ɔyɛ Yuda fi bapɔmma no nso, ɔhene nsɛm nyinaa fam, na atemmufo Lewifo no wɔ mo anim nso. Mo ho nyɛ den na monyɛ, na AWURADE ne apapafo bɛtena.
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 20 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36