bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
2 Chronicles 22
2 Chronicles 22
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 21
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 23 →
1
Na Yerusalemfo de ne ba akumaa Ahasia sii hene n’ananmu, efisɛ ne mma mpanyin no nyinaa, afowfo asafo a wɔbaa nsram, Arabiafo no mu no kunkum wɔn. Na Yehoram ba Ahasia dii Yuda hene.
2
Ahasia dii mfe aduanan abien na obedii hene, na odii hene afe biako Yerusalem. Na ne na din de Atalia, Omri ba.
3
Ɔno nso nantew Ahab fi akwan so, efisɛ ne na tuu no fo sɛ onni asɛmmɔne.
4
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fi, efisɛ n’agya wu akyi no, wɔn na wotuu no fo na ɛma ɔsɛee.
5
Wɔn afotu nso so na ɔnam kɔe, na ɔne Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba kɔɔ ɔsa ne Siria hene Hasael kɔkoe Ramot-gilead. Na Siriafo no piraa Yehoram.
6
Na ɔsanee sɛ ɔkɔsa ne ho yare Yesreel afi opira a ɔne Siria hene Hasael reko no, wopirapiraa no Rama no mu. Na Yuda hene Yehoram ba Asaria sian kɔe sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram Yesreel, efisɛ ɔyare.
7
Na Onyankopɔn na ɔde asiane besianee Ahasia sɛ ɔnkɔ Yehoram nkyɛn. Na odui no, ɔne Yehoram fi kohyiaa Nimsi ba Yehu a AWURADE asra no sɛ ɔnsɛe Ahab fi.
8
Na Yehu de atemmu baa Ahab fi so no, ɔkɔtoo Yuda mmapɔmma ne Ahasia ne nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na okunkum wɔn.
9
Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno de, ɔde ne ho ahintaw Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wokum no. Na wosiee no, na wɔkae sɛ: Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obi nni Ahasia fi bio a obenya ahenni no ho ahoɔden.
10
Na Ahasia ne na Atalia hui sɛ ne ba no awu no, ɔsɔre kɔdwerɛw ahenni no asefo nyinaa Yuda fi.
11
Na ɔhene babea Yehosabat faa Ahasia ba Yoas, na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu, na ɔde no ne ne gyigyefo hyɛɛ pia mu. Na sɛ ɔhene Yehoram babea Yehosabat a ɔyɛ ɔsɔfo Yehoiada yere no yɛ Ahasia nuabea nti, ɔde no hintaw fii Atalia anim na wankum no.
12
Na ɔne wɔn tenaa Onyankopɔn fi hintawee mfe asia. Na Atalia dii asase no so hemmea.
← Chapter 21
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 23 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36