bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Genesis 23
Genesis 23
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 22
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 24 →
1
Na Sara nkwa nna a ɔdiiɛ nyinaa yɛ mfirinhyia ɔha aduonu nson.
2
Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no.
3
Na Abraham sɔre firii n’amu no anim, na ɔne Het mma kɔkasaa sɛ:
4
Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi ma no mfiri m’ani so.
5
Na Het mma no buaa Abraham see no sɛ:
6
Owura, tie yɛn! Okunini bi ne wo wɔ yɛn mu. Yɛn ada mu deɛ wopɛ no, sie w’amu no wɔ mu. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w’amu wɔ mu.
7
Na Abraham sɔre gyinae, na ɔbɔɔ ne mu ase maa asase no so nkurɔfoɔ, Het mma no,
8
na ɔne wɔn kasaa sɛ: Sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ mesie m’amu yi ma no firi m’ani so a, montie me, na monsrɛ Efron, Sohar ba, mma me,
9
na ɔmfa Makpela bodan a ɛyɛ ne deɛ, na ɛwɔ n’afuo ano no mma me; ɔnnye me n’abotene na ɔmfa mma me, na mennya asieeɛ wɔ mo ha.
10
Na Efron te Het mma no mu. Na Hetini Efron buaa Abraham maa Het mma no tee wɔ wɔn a wɔhyɛne ne kuro pono mu no nyinaa anim sɛ:
11
Dabi, me wura, tie me: Mede afuo no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede ma woɔ yi, sie w’amu.
12
Na Abraham bɔɔ ne mu ase wɔ asase no so nkurɔfoɔ no anim,
13
na ɔkasa kyerɛɛ Efron maa asase no so nkurɔfoɔ no tee sɛ: Sɛ wotie me a, mede afuo no tiri dwetɛ bɛma wo; gye no me nsam, na mensie m’amu wɔ hɔ.
14
Na Efron buaa Abraham see no sɛ:
15
Me wura, tie, nnwetɛbena ahanan asase yɛ deɛn wɔ me ne wo ntam? W’amu ara na sie.
16
Na Abraham tiee Efron, na Abraham karii dwetɛ a Efron bɔɔ din maa Het mma teeɛ no maa no, nnwetɛbena ahanan a adwadifoɔ die no.
17
Na wɔde Efron afuo a ɛwɔ Makpela a ɛda Mamre ntentensoɔ no, afuo no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no ne afuo no so nnua nyinaa, deɛ ɛwɔ n’ahyeɛ nyinaa soɔ,
18
hyɛɛ Abraham nsa wɔ Het mma no anim, wɔn a wɔhyɛne ne kuro pono mu no nyinaa anim.
19
Na ɛno akyiri no, Abraham siee ne yere Sara wɔ Makpela afuo mu ɔbodan mu, wɔ Mamre ntentensoɔ, (a ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no.
20
Na Het mma de afuo no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no hyɛɛ Abraham nsa sɛ amusiebea.
← Chapter 22
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 24 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50