bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Genesis 46
Genesis 46
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 45
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 47 →
1
Na Israel ne deɛ ɔwɔ nyinaa sii mu, na ɔduruu Beer-seba, na ɔbɔɔ afɔdeɛ maa n’agya Isak Nyankopɔn.
2
Na Onyankopɔn nam anadwo anisoadehunu mu ka kyerɛɛ Israel sɛ: Yakob, Yakob! Na ɔse: Menie.
3
Na ɔse: Mene Onyankopɔn, w’agya Nyankopɔn no. Nsuro sɛ wobɛsiane akɔ Misraim, na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ wɔ hɔ.
4
Me ne wo bɛsiane akɔ Misraim, na mede wo asane aba nso, na Yosef deɛ, ne nsa so na wo bɛwuo.
5
Na Yakob sii mu firii Beer-seba; na Israel mma de wɔn agya Yakob ne wɔn mma ne wɔn yerenom tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma maa wɔde kɔfaa no no mu.
6
Na wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn ahodeɛ a wɔanya wɔ Kanaan asase soɔ no kɔɔ Misraim, Yakob ne n’asefoɔ nyinaa,
7
ne mmammarima ne ne mmammarima mma ne ne mmammaa ne ne mmammarima mmammaa ne n’asefoɔ nyinaa, na ɔne wɔn kɔɔ Misraim.
8
Na yeinom ne Israel mma a wɔkɔɔ Misraim no din, Yakob ne ne mma: Yakob abakan Ruben.
9
Na Ruben mmammarima ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
10
Na Simeon mmammarima ne: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Kanaanni baa ba Saulo.
11
Na Lewi mmammarima ne: Gerson, Kohat ne Merari.
12
Na Yuda mmammarima ne: Er, Onan, Sela, Peres ne Sera; (na Er ne Onan wuu Kanaan asase so.) Na Peres mmammarima ne: Hesron ne Hamul.
13
Na Isakar mmammarima ne: Tola, Puwa, Hiob ne Simron.
14
Na Sebulon mmammarima ne: Sered, Elon ne Yakleel.
15
(Yeinom ne Lea mmammarima a ɔwo maa Yakob wɔ Mesopotamia ne ne babaa Dina, ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa yɛ akra aduasa mmiɛnsa.)
16
Na Gad mmammarima ne: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.
17
Aser mmammarima ne: Yimna, Isua, Isui, Beria ne wɔn nuabaa Sera. Na Beria mmammarima ne: Heber ne Malkiel.
18
(Yeinom ne Silpa a Laban de no maa ne babaa Lea no mma a ɔwo maa Yakob, wɔyɛ akra dunsia.)
19
Yakob yere Rahel mmammarima ne: Yosef ne Benyamin.
20
Na Yosef mma a On sɔfoɔ Potifera babaa Asnat wo maa no Misraim asase soɔ ne: Manase ne Efraim.
21
Na Benyamin mmammarima ne: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.
22
(Yeinom ne Rahel mma a wɔwo maa Yakob, akra no nyinaa yɛ dunan.)
23
Na Dan babarima ne: Husim.
24
Na Naftali mmammarima ne: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.
25
(Yeinom ne Bilha a Laban de no maa ne ba Rahel no mma a ɔwo maa Yakob, akra no nyinaa yɛ baason).
26
Akra a wɔne Yakob kɔɔ Misraim a wɔfiri n’asene mu, Yakob mma yerenom mfram, akra no nyinaa yɛ aduosia nsia.
27
Na Yosef mma a wɔwoo wɔn Misraim no yɛ akra baanu. Yakob fie akra a wɔbaa Misraim no nyinaa yɛ aduɔson.
28
Na ɔsomaa Yuda dii n’anim kɔɔ Yosef nkyɛn sɛ ɔmmɛdi n’anim nkyerɛ no Gosen kwan. Na wɔduruu Gosen asase so.
29
Na Yosef siesiee ne nteaseɛnam kɔhyiaa n’agya Israel wɔ Gosen. Na ɔde ne ho kɔkyerɛɛ no no, ɔsɔɔ ne kɔn mu, na ɔsui ara kyɛree wɔ ne kɔn ho.
30
Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Afei a manya mahunu w’anim sɛ woda so te aseɛ yi, wɔmma menti nananom wɔ asamando.
31
Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom ne n’agya fiefoɔ sɛ: Merekɔ makɔka akyerɛ Farao sɛ: Me nuanom ne m’agya fiefoɔ a wɔwɔ Kanaan asase soɔ no aba me nkyɛn.
32
Na nnipa no yɛ nnwanhwɛfoɔ, na mmoa na wɔyɛne, na wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa aba.
33
Na sɛ Farao bɛfrɛ mo, na ɔbisa mo sɛ: Mo adwuma ne sɛn a?
34
Monse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ firi yɛn mmɔfraase de bɛsi nnɛ, yɛn ne yɛn nananom, na moatena Gosen asase so, ɛfiri sɛ Misraimfoɔ kyiri mmoahwɛfoɔ nyinaa.
← Chapter 45
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 47 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50