bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Genesis 28
Genesis 28
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 27
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 29 →
1
Na Isak frɛɛ Yakob, na ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware ɛyerɛ wɔ Kanaan mmammaa mu.
2
Sɔre kɔ Mesopotamia kɔ wo na n’agya Betuel fie, na kɔware wɔ wo na nua Laban mmammaa mu bi.
3
Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;
4
na ɔmfa Abraham nhyira nhyira wo, wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho, na woanya asase a woyɛ so hɔhoɔ a Onyankopɔn de ama Abraham yi.
5
Na Isak gyaa Yakob kwan, na ɔkɔɔ Mesopotamia wɔ Aramni Betuel ba Laban a ɔyɛ Yakob ne Esau wɔn na Rebeka nuabarima no nkyɛn.
6
Na Esau hunuu sɛ Isak ahyira Yakob, ama wagya no kwan sɛ ɔnkɔ Mesopotamia nkɔware yerɛ wɔ hɔ. Afei ɔhunuu bio sɛ ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmammaa mu yerɛ,
7
na Yakob tiee n’agya ne ne na, na ɔkɔɔ Mesopotamia.
8
Na Esau hunuu sɛ Kanaan mmammaa nyɛ wɔ n’agya Isak ani soɔ no,
9
ɔsii mu kɔɔ Ismael nkyɛn kɔwaree Abraham ba Ismael babaa, Nebaiot nuabaa Mahalat kaa ne yerenom no ho.
10
Na Yakob firi Beer-seba sii mu kɔɔ Haran.
11
Na ɔduruu baabi no ɔsoɛɛ hɔ anadwo no, ɛfiri sɛ na owia akɔtɔ. Na ɔfaa hɔ aboɔ no mu baako de yɛɛ sumiiɛ, na ɔdaa hɔ.
12
Na ɔsoo daeɛ, na hwɛ, na atwedeɛ bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane.
13
Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ɔse: Mene AWURADE, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn; asase a woda soɔ yi mede bɛma wo ne w’asefoɔ.
14
Na w’asefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na woatrɛ akɔ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi fam ne anafoɔ fam. Na wo ne w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira wiase mmusuakuo nyinaa.
15
Na hwɛ, mɛdi w’akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkorɔ, na mama woasane aba asase yi so. Na merennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma deɛ maka makyerɛ woɔ yi aba mu.
16
Na Yakob nyane firii ne nna mu no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, AWURADE wɔ ha yi, nanso me deɛ, manhunu.
17
Na ɔsuroe, na ɔse: Ɛha yi yɛ hu ampa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Nyankopɔn fie, na ɛha ne ɔsoro aboboano.
18
Na Yakob sɔree anɔpatutu, na ɔfaa ɔboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no de yɛɛ odum sii hɔ, na ɔhwiee ngo guu so.
19
Na ɔfrɛɛ hɔ: Betel, nanso akane no na kuro no din de Lus.
20
Na Yakob hyɛɛ bɔ kaa sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bɛdi m’akyi ahwɛ me so ɔkwan a merebɛtuo yi mu, na wama me aduane madi ne atadeɛ mahyɛ,
21
na wasane me asomdwoeɛ mu de me aba m’agya fie a, ɛnneɛ AWURADE bɛyɛ me Nyankopɔn.
22
Na ɔboɔ yi a mede mayɛ odum asi hɔ yi bɛyɛ Nyankopɔn fie. Na deɛ wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotosoɔ du du.
← Chapter 27
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 29 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50