bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Genesis 4
Genesis 4
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 5 →
1
Na Adam ne ne yere Hawa daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Kain. Na ɔkaa sɛ: AWURADE adaworoma manya ɔbarima.
2
Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛ odwanhwɛfoɔ, ɛna Kain nso yɛ okuafoɔ.
3
Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, Kain de afuom nnoɔma bɛyɛɛ AWURADE ayɛ.
4
Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’afɔrebɔdeɛ no,
5
nanso Kain ne n’afɔrebɔdeɛ no deɛ, n’ani ansɔ. Kain bo fuu pii, na ɔmunae.
6
Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Adɛn nti na wo bo afuo na woamuna yi?
7
Sɛ woyɛɛ no yie a, anka w’anim rente anaa? Na sɛ woanyɛ no yie enti, bɔne butu ɛpono ano, na w’akyiri kwan na ɛhwehwɛ, nanso di ne so.
8
Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.
9
Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Ɛhe na wo nua Habel wɔ? Na ɔse: Mennim, me nua so hwɛfoɔ ne me anaa?
10
Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.
11
Na afei wɔadome wo afiri asase a abue n’ano agye wo nua mogya afiri wo nsam no so.
12
Sɛ wodɔ asase a, ɛrenkɔ so mma wo ne nnɔbaeɛ bio na wobɛyɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so.
13
Na Kain ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Me bɔne so adeɛ so kyɛne sɛ mɛtumi asoa.
14
Hwɛ, woapamo me nnɛ afiri asase yi so, na mɛhunta mafiri w’anim, na mayɛ ɔkobɔni ne asesabɔni wɔ asase so, na obiara a ɔbɛhu me no, ɔbɛku me.
15
Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛno nti obiara a ɔbɛkum Kain no, wɔbɛtɔ ne so werɛ ahodoɔ nson. Na AWURADE yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi maa Kain, na obiara a ɔbɛhu no no anku no.
16
Na Kain firii AWURADE anim kɔe, na ɔkɔtenaa Nod asase so wɔ Eden apueeɛ.
17
Na Kain ne ne yere dae, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Henok. Na ɔkyekyeree kuro bi, na ɔde ne ba Henok din too kuro no.
18
Na Henok woo Irad, na Irad woo Mehuyael. Na Mehuyael woo Metusael, na Metusael woo Lamek.
19
Na Lamek waree mmaa baanu, ɔbaako din de Ada, na deɛ ɔka ho no din de Sila.
20
Na Ada woo Yabal, ɔno na ɔyɛ ntomadan mu ne mmoa ho tenafoɔ agya.
21
Na ne nua din de Yubal; ɔno na ɔyɛ asankubɔfoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ nyinaa agya.
22
Na Sila nso woo Tubalkain a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ adeɛ nyinaa atomfoɔ agya. Na Tubalkain nuabaa ne Naama.
23
Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom sɛ: Ada ne Sila, montie me nne; Lamek yerenom, monyɛ aso mma m’asɛm: Mekumm ɔbarima sɛ ɔpiraa me, mekumm aberanteɛ sɛ ɔboroo me.
24
Na sɛ wɔtɔɔ Kain so werɛ mprɛnson a, Lamek deɛ bɛyɛ aduɔson nson.
25
Na Adam ne ne yere daeɛ bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Set (aseɛ ne: Nsiananmu) sɛ: Onyankopɔn de ɔba foforɔ asi me Habel a Kain kumm no no ananmu.
26
Na Set nso, wɔwoo ɔba maa no, na ɔtoo ne din Enos. Ɛberɛ no mu na wɔfirii aseɛ bɔɔ AWURADE din sɔree no.
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 5 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50