bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Genesis 8
Genesis 8
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 9 →
1
Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa nyinaa a wɔne no wɔ adaka no mu nyinaa. Na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no ano brɛɛ ase.
2
Na ebunu no nsuo aniwa sisii, na ɔsoro mpomma mu totoe, maa osuo a ɛfiri soro no gyaee tɔ;
3
na nsuo no twe firii asase so ara. Na ɛfiri nna ɔha aduonum akyiri no na na nsuo no so rehwan.
4
Na ɛda a ɛtɔ so dunson wɔ bosome nson mu no, adaka no kɔsii Ararat mmepɔ so.
5
Na nsuo no kɔɔ so twee ara kɔsii bosome a ɛtɔ so du no so; na saa bosome no ara, ne da a ɛdi kan no na mmepɔ atifi dedaa adie.
6
Na ɛno akyiri adaduanan no, Noa buee adaka no mpomma a ɔyɛeɛ no,
7
na ɔsomaa anene. Na ɔfirii adi, na ɔdii akɔneaba de kɔsii sɛ nsuo no wee asase soɔ.
8
Na ɔsomaa aburuburo sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ nsuo no awe wɔ asase ani anaa.
9
Nanso aburuburo no annya ne nan sibea, na ɔsane baa ne nkyɛn adaka no mu, ɛfiri sɛ na nsuo no da so wɔ asase nyinaa ani. Na ɔtenee ne nsa faa no baa ne nkyɛn wɔ adaka no mu.
10
Na ɔtwɛn nnanson bio, na ɔsomaa aburuburo firii adaka no mu bio.
11
Na aburuburo no baa ne nkyɛn anwummerɛ, na hwɛ, ngo dua ahahan frɔmfrɔm tua n’ano. Noa hunuu sɛ nsuo no awe asase so.
12
Na ɔtwɛn nnanson bio no, ɔsomaa aburuburo no; na wansane amma ne nkyɛn bio.
13
Na Noa afe a ɛtɔ so ahansia ne baako, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na na nsuo no awe asase soɔ. Na Noa yii suhyɛ no firii adaka no so, na ɔhwɛe, na hwɛ, na asase ani awo.
14
Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu nson no na na asase so awo koraa.
15
Na Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Noa sɛ:
16
Firi adaka no mu, wo ne wo yere, wo mma ne wɔn yerenom a wɔka wo ho;
17
mmoadoma a wɔka wo ho nyinaa a ɛfiri honam nyinaa mu, nnomaa ne ntɔteboa ne deɛ ɛwea asase soɔ nyinaa ne wo mfiri adi, na wɔnwo, na wɔnnɔɔso asase so.
18
Na Noa ne ne yere, ne ne mma ne wɔn yerenom firii adi;
19
mmoadoma nyinaa, wɔn a wɔwea nyinaa ne nnomaa nyinaa, ne deɛ nkwa wɔ mu biara, sɛdeɛ wɔn mmoaban teɛ, firi adaka no mu firii adi.
20
Na Noa sii afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho teɛ nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bukyia no so.
21
Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.
22
Nna a asase wɔ hɔ yi nyinaa, oguo ne otwa, awɔ ne ahuhuro, asuso ne ɔpɛ, awia ne anadwo rennyae da.
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 9 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50