bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Genesis 47
Genesis 47
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 46
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 48 →
1
Na Yosef kɔka kyerɛɛ Farao sɛ: M’agya ne me nuanom ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie ne deɛ wɔwɔ nyinaa firi Kanaan asase so aba, na hwɛ, wɔwɔ Gosen asase so.
2
Na ɔde ne nuanom mu baanum kɔgyinaa Farao anim.
3
Na Farao bisaa ne nuanom no sɛ: Mo adwuma ne sɛn? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfoɔ, yɛn ne yɛn nananom nso.
4
Na wɔka kyerɛɛ Farao bio sɛ: Yɛaba sɛ yɛrebɛtena asase yi so, ɛfiri sɛ wo nkoa nnya adidibea mma wɔn nnwan, ɛfiri sɛ ɛkɔm no mu yɛ den wɔ Kanaan asase so. Enti afei yɛsrɛ wo, ma wo nkoa ntena Gosen asase so.
5
Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: W’agya ne wo nuanom aba wo nkyɛn.
6
Misraim asase na ɛda w’anim yi, asase no mu deɛ ɛyɛ no, ma w’agya ne wo nuanom ntena hɔ. Ma wɔntena Gosen asase so. Na sɛ wonim sɛ wɔn mu bi yɛ nsiyɛfoɔ a, fa wɔn si me mmoa a mewɔ so.
7
Na Yosef de n’agya Yakob kɔgyinaa Farao anim. Na Yakob hyiraa Farao.
8
Na Farao bisaa Yakob sɛ: Wo nkwa mu mfirinhyia yɛ ahe?
9
Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirinhyia mu nna yɛ mfeɛ ɔha aduasa; me nkwa mfirinhyia mu nna yɛ kakraa bi ne amaneɛ nko, ɛnnuru me nananom nkwa mfirinhyia mu nna wɔ wɔn hɔhobea asetena nna mu.
10
Na Yakob hyiraa Farao, na ɔfirii Farao anim kɔe.
11
Na Yosef maa n’agya ne ne nuanom tenaberɛ, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ deɛ asase no yɛ, wɔ Rameses asase so, sɛdeɛ Farao hyɛeɛ no.
12
Na Yosef bɔɔ n’agya ne ne nuanom ne n’agya fiefoɔ nyinaa akɔnhoma, sɛdeɛ abusua biara dodoɔ teɛ.
13
Na aduane nni asase biara so, na ɛkɔm no mu yɛɛ den yie maa Misraim asase ne Kanaan asase tɔɔ ɛkɔm no anim piti.
14
Na Yosef prapraa sika a ɛwɔ Misraim asase ne Kanaan asase soɔ nyinaa wɔ aburoo a wɔbɛtɔeɛ no mu, na Yosef de sika no kɔɔ Farao fie.
15
Na sika saa Misraimfoɔ ne Kanaanfoɔ ho no, Misraimfoɔ nyinaa baa Yosef nkyɛn sɛ: Ma yɛn aduane ɛ! Adɛn na sɛ sika asa nti, yɛnwuwu w’anim?
16
Na Yosef se: Momfa mo mmoa mmra, na sɛ mo sika asa a, mɛma mo bi magye mo mmoa.
17
Na wɔde wɔn mmoa bae, na Yosef maa wɔn aduane gyegyee apɔnkɔ, nnwan, anantwie ne mfunumu. Na ɔmaa wɔn aduane de gyee wɔn mmoa nyinaa afirinhyia no.
18
Na afe no twaa mu no, afe a ɛdi soɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Yɛremfa nhunta me wura sɛ yɛn sika asa na mmoa akuakuo no yɛ me wura dea, na biribiara nkae wɔ me wura anim sɛ yɛn honam ne yɛn asase nko.
19
Adɛn nti na yɛn ne yɛn asase nwu w’anim? Tɔ yɛn ne yɛn asase, na ma yɛn aduane, na yɛde yɛn ho ne yɛn asase bɛsom Farao. Ma yɛn aduaba, na yɛntena ase, na yɛanwu amma asase yi anna mpan.
20
Na Yosef tɔɔ Misraim asase nyinaa maa Farao. Na Misraimfoɔ nyinaa tontɔnee wɔn mfuo, ɛfiri sɛ ɛkɔm no denee wɔn, na asase no danee Farao dea.
21
Na nkurɔfoɔ no deɛ, ɔdanee wɔn nkoa, ɛfiri Misraim hyeɛ so kɔsi hyeɛ so.
22
Gye asɔfoɔ nsase nko na wantɔ, ɛfiri sɛ na Farao ahyɛ kyɛfa bi ama asɔfoɔ no, na wɔdi wɔn kyɛfa a Farao de ma wɔn no nti, wɔantɔn wɔn asase.
23
Na Yosef ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Monhwɛ, ɛnnɛ matɔ mo ne mo asase mama Farao, na hwɛ, mo aduaba a momfa nkɔdua asase no soɔ nie.
24
Na deɛ ɛbɛsoɔ no, momfa nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, na emu abupɛn nnan no nyɛ mo dea, na mode bi adua mfuo mu, na mode bi ayɛ mo ne mo fiefoɔ ne mo mma aduane.
25
Na wɔse: Woagye yɛn nkwa; ma yɛnnya me wura anim adom ara, na yɛbɛyɛ Farao nkoa.
26
Na Yosef hyɛɛ yei ho mmara wɔ Misraim a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ, sɛ wɔmfa Misraim asase so adeɛ biara nkyekyɛmu nnum mu baako mma Farao, gye asɔfoɔ asase nko na anyɛ Farao dea.
27
Na Israel tenaa Misraim asase so wɔ Gosen, na wɔnyaa mu adeɛ, na wɔdɔree, na wɔn ase trɛɛ pa ara.
28
Na Yakob tenaa Misraim asase so mfeɛ dunson, na Yakob nna, ne nkwa mfirinhyia, yɛ mfeɛ ɔha aduanan nson.
29
Na Israel nna duruu sɛ ɔbɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa ka m’asene mu, na yɛ me adɔeɛ di me nokorɛ, na nsie me Misraim!
30
Ɛda a mɛtoa nananom no, soa me firi Misraim kɔsie me wɔ me nananom amusieeɛ. Na ɔbuaa sɛ: Mɛyɛ sɛdeɛ woaka yi.
31
Na ɔse: Ka me ntam. Na ɔkaa no ntam. Na Israel bɔɔ ne mu ase kyerɛɛ mpa no atifi.
← Chapter 46
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 48 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50