bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Genesis 27
Genesis 27
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 28 →
1
Na Isak bɔɔ akɔkoraa na n’ani so yɛɛ no kusukusu na ɔnhunu adeɛ yie no, ɔmaa wɔfrɛɛ ne ba panin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na ɔgyee so sɛ: Agya, menie.
2
Na ɔse: Mabɔ akora, na mennim me wuda.
3
Afei fa w’ahayɔdeɛ, w’agyan kotokuo ne w’agyan kɔ wiram kɔpɛ hanam brɛ me,
4
na noa akɔnnɔduane sɛdeɛ mepɛ brɛ me, na menni, na me nhyira wo ansa na mawu.
5
Ɛberɛ a Isak rekasa akyerɛ ne ba Esau no, Rebeka tee. Na Esau kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔkum nam aba.
6
Na Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ: Hwɛ, metee sɛ w’agya rekasa kyerɛ wo nua Esau sɛ:
7
Kɔpɛ hanam brɛ me, na noa m’akɔnnɔduane, na menni, na menhyira wo AWURADE anim ansa na mawu.
8
Na afei, me ba, tie me nne, sɛdeɛ merehyɛ woɔ yi:
9
Kɔ mmoakuo no mu kɔkyere mmirekyie mma pa mmienu brɛ me, na memfa menyɛ akɔnnɔduane memma w’agya sɛdeɛ ɔpɛ;
10
na fa kɔma w’agya, na ɔnni, na ɔnhyira wo ansa na wawu.
11
Na Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka sɛ: Hwɛ, me nua Esau ho wɔ nwi, na me deɛ, me ho yɛ toromtorom.
12
Ebia m’agya bɛka me ho ahwɛ, na mayɛ n’ani so sɛ ɔdaadaafoɔ, na mede nnome maba me so, na ɛnyɛ nhyira.
13
Ɛnna ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nnome mmra me so, me ba, tie me nne ara, na kɔkyere wɔn brɛ me.
14
Na ɔkɔkyeree wɔn brɛɛ ne na, na ne na de yɛɛ akɔnnɔduane sɛdeɛ n’agya pɛ.
15
Na Rebeka faa ne ba panin Esau ntadeɛ fɛfɛ a ɛwɔ ne nkyɛn wɔ ɛdan mu de hyɛɛ ne ba kumaa Yakob.
16
Na ɔde mmirekyie mma no nwoma duraduraa ne nsa ne ne kɔn a ɛho yɛ toromtorom no ho.
17
Na ɔde akɔnnɔduane ne paanoo a wasiesie no hyɛɛ ne ba Yakob nsa.
18
Na ɔde kɔɔ n’agya nkyɛn, na ɔse: M’agya! Na ɔgyee so sɛ: Menie, ɛyɛ wo hwan a, me ba?
19
Na Yakob ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me, w’abakan Esau. Mayɛ sɛdeɛ wokyerɛɛ me no. Mesrɛ wo, sɔre, tena ase, na di me hanam, na wo kra nhyira me.
20
Na Isak bisaa ne ba no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa no ntɛm sɛɛ yi, me ba? Na ɔse: Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na ɔmaa me hyiaa yie.
21
Na Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Twe pini me, na menka wo menhwɛ, me ba, sɛ ampa ara sɛ me ba Esau ne wo anaasɛ ɛnyɛ ɔno a.
22
Na Yakob twe pinii n’agya Isak, na ɔde ne nsa kaa ne ho hwɛe, na ɔkaa sɛ: Ɛnne no yɛ Yakob nne, na nsa no deɛ, ɛyɛ Esau nsa.
23
Na wanhu no, ɛfiri sɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau deɛ. Enti ɔhyiraa no.
24
Na ɔbisaa no sɛ: Ampa ara sɛ wone me ba Esau anaa? Na ɔse: Mene no.
25
Na ɔse: Fa pini me nkyɛn, na menni me ba hanam, na me kra nhyira wo. Na ɔde brɛɛ no, na ɔdii, na ɔde bobesa brɛɛ no, na ɔnomee.
26
Na n’agya Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Twe pini bɛfe m’ano ɛ, me ba.
27
Na ɔtwe pinii kɔfee n’ano. Na Isak huaa n’atadeɛ mu hwa hwɛe, na ɔhyiraa no sɛ: Hwɛ, me ba ho hwa te sɛ afuo a AWURADE ahyira soɔ mu hwa.
28
Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ bi, ne aburoo ne nsa pii.
29
Aman nsom wo, na nkurɔfoɔ nkoto wo. Yɛ wo nuanom so wura, na wo na mma nkoto wo. Wɔadome wɔn a wɔdome woɔ, na wɔahyira wɔn a wɔhyira woɔ.
30
Na Isak wiee Yakob hyira na Yakob firii n’agya nkyɛn firii adi ara pɛ na ne nua Esau firi n’ahayɔ baeɛ.
31
Na ɔno nso bɛnoaa akɔnnɔduane de brɛɛ n’agya ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya sɔre ɛ, na di wo ba hanam, na wo kra nhyira me!
32
Na n’agya Isak see no sɛ: Ɛyɛ wo hwan a? Na ɔse: Ɛyɛ me, wo ba, w’abakan Esau.
33
Na Isak de ahopopoɔ kɛseɛ pa ara kaa sɛ: Hwan mpo ne deɛ ɔkɔyɛɛ ha de brɛɛ me, na medii ne nyinaa na mehyiraa no ansa na woreba yi? Nso ɔbɛyɛ deɛ wɔahyira no.
34
Esau tee n’agya nsɛm no, ɔde su kɛseɛ ne awerɛhoɔ pii teaa mu denden ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, hyira me nso bi.
35
Na ɔse: Wo nua de nnaadaa aba abɛgye wo nhyira.
36
Na ɔse: Ne din nne Yakob anaa? Mprenu ni na watwintwane m’anan mu. Wafa me panin, na hwɛ, afei nso wagye me nhyira. Na ɔse: Woamfa nhyira bi ansie me?
37
Na Isak bua see Esau sɛ: Hwɛ, mede no mayɛ wo so wura, na mede ne nuanom nyinaa mayɛ ne nkoa. Na mede aburoo ne nsa mawowa no. Na afei wo deɛ, ɛdeɛn na menyɛ woɔ, me ba?
38
Na Esau ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, nhyira baako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m’agya. Na Esau maa ne nne so sui.
39
Na n’agya Isak bua see no sɛ: Hwɛ, asase a sradeɛ nni mu ne deɛ ɔsoro bosuo ngu soɔ so na wobɛtena.
40
Wo nkrantɛ so na wonam bɛtena aseɛ, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ wobɔ mmɔden kentene wo ho a, wobɛyi ne kɔnnua afiri wo kɔn so.
41
Na Esau tanee Yakob wɔ nhyira a n’agya de hyiraa no no nti. Na Esau kaa no n’akoma mu sɛ: Nna a wɔde bɛsu m’agya no reyɛ abɛn, na merebɛkum me nua Yakob.
42
Na wɔkɔkaa ne ba panin Esau nsɛm yi kyerɛɛ Rebeka. Na ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo nua Esau rekyekyere ne werɛ sɛ ɔrebɛku wo.
43
Afei, me ba, tie me nne, na sɔre dwane kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran,
44
na tena ne nkyɛn nna tiaa kɔsi sɛ wo nua anibereɛ no bɛfiri ne mu,
45
kɔsi sɛ wo nua abufuo bɛdane afiri wo soɔ, na ne werɛ afiri deɛ woyɛɛ no no, ansa na masoma ama wɔabɛfa wo wɔ hɔ aba. Na adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ mehwere mo baanu da koro?
46
Na Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmammaa nti m’asetena afono me. Sɛ Yakob kɔware yerɛ Het mmammaa mu, sɛ yeinom a wɔwɔ ɛha yi a, na me mmerɛ ngui, na mete ase reyɛ deɛn bio?
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 28 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50