bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Genesis 49
Genesis 49
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 48
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 50 →
1
Na Yakob frɛɛ ne mma sɛ: Mommoaboa mo ano, na menka mo deɛ ɛbɛyɛ mo, nna a ɛdi akyire no mu.
2
Yakob mma, monhyia na montie, montie mo agya Israel!
3
Ruben, m’abakan ne wo; m’ahoɔden ne me mmaninyɛ asefire. Woboro so anidie mu, woboro so tumi mu.
4
Wohinhim sɛ nsuo, enti wo kandie bɛfiri wo nsa, ɛfiri sɛ woforoo w’agya nnaeɛ. Ɛno mu na woguu ɛho fi, — me mpa na woforoeɛ!
5
Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wɔn nkrantɛ yɛ aniɛden akodeɛ.
6
Me kra, nnkɔ wɔn agyina mu, na m’animuonyam nkɔfra wɔn asafo mu. Ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkum nnipa, na wɔn ahokyerɛ mu na wɔsɛee anantwie.
7
Wɔadome wɔn abufuo, sɛ ɛso, ne wɔn anibereɛ, sɛ emu yɛ den. Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu, na mabɔ wɔn ahwete Israel mu.
8
Yuda, wo na wo nuanom bɛyi wo ayɛ; wo nsa bɛtia w’atamfo kɔn so; w’agya mma bɛkoto w’anim.
9
Gyata ba ne Yuda; hanam so na wode anyini, me ba. Ɔkotoe, ɔbutuu sɛ gyata ne gyatabereɛ; hwan na ɔbɛhwanyan no?
10
Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.
11
Ɔsa n’afunumu ba wɔ bobe mu, ne n’afunumu bereɛ ba wɔ bobe pa mu. Ɔsi n’atadeɛ wɔ nsa mu, ne ne ntoma wɔ bobe aba mogya mu.
12
Bobesa bɛma n’ani ayɛ kɔɔ, na nufosuo ama ne se ayɛ fitaa.
13
Sebulon tenabea bɛkyerɛ mpoano, na wahwɛ deɛ ahyɛn gyinagyina, na ɔne Sidon abɔ hyeɛ.
14
Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ, ɔbutu mmoaban ntam;
15
na ɔhunu sɛ homebea no yɛ ne asase no sɛ ɛyɛ fɛ, na ɔbrɛ ne mmatiri ase de gye adesoa, na ɔde ɛsom adwuma ayi toɔ.
16
Dan bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn sɛ Israel mmusuakuo mu biara.
17
Dan bɛyɛ ɔkwan so ɔwɔ, tempɔn so ahuritia. Ɔka ɔpɔnkɔ nantin, na ne so tenafoɔ ahwe n’akyi.
18
AWURADE, wo nkwagyeɛ na mehwɛ no kwan.
19
Gad, asafo bi retoa no, na ɔno nso atoa wɔn aka wɔn nantin.
20
Aser aduane bɛyɛ sradeduane, na ɔbɛma ahennuane a ɛyɛ akɔnnɔ.
21
Naftali yɛ ɔforoteɛ a wɔato no sraha; ɔka nsɛm dɛdɛ.
22
Yosef yɛ dua a ɛso aba mman, dua a ɛso aba wɔ nsuo aniwa soɔ mman; ne mman tratra ɔfasuo.
23
Mmɛmmatofoɔ hyɛɛ no yea, wɔtotoo no, na wɔtaa no.
24
Nanso na ne tadua kura no pintinn, na ne basa mu yɛɛ den. Ɛfiri Yakob Tumfoɔ no nsam, ɛfiri ɔhwɛfoɔ a ɔyɛ Israel botan no mu.
25
Ɛfiri w’agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na ɛfiri Tweaduampɔn hɔ, ɔnhyira wo. Ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ mu nhyira, ne nufoɔ ne yafunu mu nhyira nhyira wo.
26
W’agya nhyira a ɛyɛ kɛseɛ boro daa daa mmepɔ no nhyira a ɛkɔduru tete nteredee nkokoɔ no ahyeɛso nohoa; ɛmmra Yosef atifi, deɛ wɔyii no firii ne nuanom mu no mpampam.
27
Benyamin yɛ pataku a ɔtete mmoa mu; ɔdi hanam anɔpa, na anwummerɛ nso ɔkyɛ asadeɛ mu.
28
Yeinom nyinaa ne Israel mmusuakuo dummienu no, na yei ne deɛ wɔn agya ka kyerɛɛ wɔn de hyiraa wɔn. Sɛdeɛ wɔn nhyira teɛ mmaako mmaako na ɔhyiraa wɔn.
29
Na ɔhyɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka kumaa bi na maka m’ani agu so. Monkɔsie me me nananom nkyɛn, wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hetini Efron afuo mu no mu,
30
ɔbodan a ɛwɔ Makpela afuo soɔ Mamre ntentensoɔ wɔ Kanaan asase so, asase a Abraham tɔeɛ wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ amusieeɛ no mu.
31
Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara, ɛhɔ na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ na mesiee Lea.
32
Afuo no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no, wɔtɔɔ no Het mma nsam.
33
Na Yakob hyɛɛ ne mma nsamanseɛ wieeɛ no, ɔboaa ne nan ano guu mpa no so, na ɔguu n’ahome a ɛdi akyire, na ɔtii ne nananom wɔ asamando.
← Chapter 48
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 50 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50