bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Genesis 34
Genesis 34
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 33
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 35 →
1
Na Lea ne Yakob babaa Dina firii adi sɛ ɔrekɔhwɛ asase no so mmaa.
2
Na asase no so otitire Hewini Hamor ba Sekem hunuu no, na ɔkyeree no too no mmɔnaa guu ne ho fi.
3
Na Yakob ba Dina sɔɔ Sekem ani, na ɔdɔɔ ababaa no, na ɔkorɔkorɔɔ no.
4
Na Sekem ka kyerɛɛ n’agya Hamor sɛ: Kɔgye ababaa yi awareɛ ma me.
5
Na Yakob tee sɛ wagu ne babaa Dina ho fi. Nanso ɛnam sɛ na ne mmammarima no wɔ ne mmoa nkyɛn wɔ wiram no, enti ɔyɛɛ komm de kɔsii sɛ wɔbaa fie.
6
Na Sekem agya Hamor firii adi kɔɔ Yakob nkyɛn sɛ ɔne no rekɔkasa.
7
Na Yakob mmammarima teeɛ no, wɔfirii wiram bae. Na ɛyɛɛ mmarima no ya, na wɔn bo fuu pa ara, sɛ Sekem adi Israel ho nkwaseasɛm sɛ ɔne Yakob babaa akɔda; adeɛ a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ.
8
Na Hamor ne wɔn kasaa sɛ: Me ba Sekem akoma fam mo babaa no ho; mesrɛ mo, momfa no mma no aware.
9
Na mo ne yɛn nni ayewareɛ, na momfa mo mmammaa mma yɛn, na mo nso monware yɛn mmammaa.
10
Na mo ne yɛn ntena, na asase na ɛda mo anim yi, montena so nyɛ so adwuma nnya so adeɛ.
11
Na Sekem ka kyerɛɛ Dina n’agya ne ne nuanom sɛ: Momma mennya mo anim adom, na biribiara a mobɛse me no, mɛma.
12
Monnye me etire adeɛ dodoɔ ne akyɛdeɛ biara, na biribiara a mobɛse me no, mɛma; na momfa ababaa no mma me awareɛ.
13
Na Yakob mmammarima no kasa de nnaadaa buaa Sekem n’agya Hamor ɛfiri sɛ wagu wɔn nuabaa Dina ho fi.
14
Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛntumi saa adeɛ yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn.
15
Na yei mu nko na yɛbɛpene mo sɛ mobɛdane ayɛ sɛ yɛn, na wɔatwitwa mo mu mmarima nyinaa twetia.
16
Ɛno na yɛde yɛn mmammaa bɛma mo, na yɛabɛfa mo mmammaa nso aware, na yɛne mo atena, na yɛayɛ ɔman korɔ.
17
Na sɛ moantie yɛn, na moantwitwa twetia a, ɛnneɛ yɛbɛfa yɛn babaa akɔ.
18
Na wɔn nsɛm no sɔɔ Hamor ne ne ba Sekem ani.
19
Enti Sekem antwetwe ne ho sɛ ɔbɛyɛ saa adeɛ no, ɛfiri sɛ na Yakob babaa no sɔ n’ani, na aberanteɛ no animuonyam sene n’agya fiefoɔ nyinaa.
20
Na Hamor ne ne ba Sekem kɔɔ wɔn kuro aboboano, na wɔne wɔn kurom mmarima kɔkasaa sɛ:
21
Nnipa yi, wɔne yɛn te asomdwoeɛ mu, enti momma wɔntena asase yi so, na wɔnyɛ so adwuma. Na asase yi, hwɛ, ɛda wɔn anim kakraa. Momma yɛmfa wɔn mmammaa nware, na yɛmfa yɛn mmammaa nso mma wɔn.
22
Na yei nko mu na nnipa no bɛpene sɛ wɔne yɛn bɛtena, na yɛayɛ ɔman korɔ; sɛ yɛn mu mmarima nyinaa bɛtwitwa twetia, sɛdeɛ wɔatwitwa no.
23
Wɔn mmoa ne wɔn ahonyadeɛ ne wɔn afieboa nyinaa renyɛ yɛn dea anaa? Momma yɛmpene so ma wɔn, na wɔne yɛn ntena.
24
Na wɔn a wɔnam Hamor kuro pono ano firi adie nyinaa tiee no ne ne ba Sekem, na mmarima nyinaa, wɔn a wɔnam ne kuro pono ano firi adie nyinaa twitwaa twetia.
25
Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa a ne yea kaa wɔn no, Yakob mmammarima baanu, Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuanom, fefaa wɔn nkrantɛ kɔɔ kuro no so mpofirim kɔkunkumm mmarima nyinaa.
26
Na wɔde nkrantɛ kumm Hamor ne ne ba Sekem; na wɔde Dina firii Sekem fie hɔ bae.
27
Yakob mmammarima no baa atɔfoɔ no so bɛfom kuro no mu nnoɔma fae, ɛfiri sɛ wɔagu wɔn nua no ho fi.
28
Wɔn nnwan, wɔn anantwie, wɔn mfunumu ne deɛ ɛwɔ kuro no mu ne deɛ ɛwɔ mfuo mu no, wɔfae.
29
Na wɔn ade nyinaa ne wɔn mma nyinaa ne wɔn yerenom, wɔfaa wɔn nnommum fom deɛ ɛwɔ fie nyinaa.
30
Na Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ: Moaha me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi soɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ. Na me deɛ, meyɛ asafo a mesua yi, wɔbɛboaboa wɔn ano aba me so abɛku me, na wɔasɛe me ne me fie.
31
Na wɔse: Ɔnyɛ yɛn nuabaa sɛ odwamamfoɔ anaa?
← Chapter 33
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 35 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50