bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Genesis 50
Genesis 50
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 49
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
1
Na Yosef de n’anim kɔbutuu n’agya anim, na ɔsu guu ne so, na ɔfee n’ano.
2
Na Yosef hyɛɛ ne nkoa a wɔhyɛ amu aduro sɛ wɔnhyɛ n’agya mu aduro. Na wɔhyɛɛ Israel mu aduro.
3
Na wɔdii ho adaduanan, nna a wɔde wie adurohyɛ no ne no. Na Misraimfoɔ suu no adaduɔson.
4
Na nna a wɔde suu no no twaa mu no, Yosef ka kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ: Sɛ manya adom wɔ mo anim a, monkɔyi Farao asotire sɛ:
5
M’agya maa mekaa no ntam sɛ: Hwɛ, merewu, na ɛda a mabɔ no Kanaan asase so mafa no mu, ɛhɔ na kɔsie me. Enti afei ma menkɔ menkɔsie m’agya, na mensane memmra.
6
Na Farao kaa sɛ: Kɔ, na kɔsie w’agya, sɛdeɛ ɔmaa wokaa ntam no.
7
Na Yosef kɔɔ sɛ ɔrekɔsie n’agya; na Farao nkoa nyinaa, ne fie mpanimfoɔ ne Misraim asase so mpanimfoɔ nyinaa
8
ne Yosef fiefoɔ nyinaa ne ne nuanom ne n’agya fiefoɔ kaa ne ho kɔe, gye wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie na wɔgyaa wɔn Gosen asase no soɔ.
9
Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne no kɔe; na ɛyɛ dɔm kɛseɛ.
10
Na wɔduruu Atad ayuporebea a ɛwɔ Yordan agya nohoa no, wɔtwaa kwadwom kɛseɛ a emu yɛ den wɔ hɔ, na ɔgyam n’agya nnanson.
11
Na ɛhɔfoɔ, Kanaanfoɔ no, hunuu esu a wɔsuu no Atad ayuporebea hɔ no, wɔkaa sɛ: Yei deɛ, Misraimfoɔ ayie a emu yɛ den nie. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ Abel-misraim ɛwɔ Yordan agya nohoa.
12
Na ne mma yɛɛ no sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn no.
13
Na ne mma soaa no kɔɔ Kanaan asase so kɔsiee no wɔ Makpela afuo so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentensoɔ a Abraham tɔɔ ɛne afuo no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asieeɛ no mu.
14
Na Yosef siee n’agya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔne no kɔsiee n’agya no nyinaa sane baa Misraim.
15
Na Yosef nuanom hunuu sɛ wɔn agya awuo no, wɔkaa sɛ: Ebia Yosef bɛtane yɛn, na watua yɛn bɔne a yɛyɛɛ no nyinaa so ka.
16
Na wɔmaa wɔkɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: W’agya hyɛe ansa na ɔrewuo sɛ:
17
Monka nkyerɛ Yosef sɛ: Mesrɛ wo, fa wo nuanom amumuyɛ ne wɔn bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔayɛ wo bɔne. Na afei yɛsrɛ wo, fa w’agya Nyankopɔn nkoa amumuyɛ no kyɛ wɔn. Na wɔkaa saa kyerɛɛ Yosef no, ɔsui.
18
Na ne nuanom nso ba bɛtwa hwee n’anim kaa sɛ: Hwɛ, yɛyɛ wo nkoa.
19
Na Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro, na megyina Nyankopɔn ananmu anaa?
20
Na mo deɛ modwenee me ho bɔne nanso Onyankopɔn deɛ, na ɔde rebɛyɛ papa. Sɛ ɔbɛyɛ deɛ ada adi nnɛ yi, na ɔbɛgye nnipa pii nkwa.
21
Na afei monnsuro; na mɛhwɛ mo ne mo mma. Na ɔkyekyeree wɔn werɛ kaa wɔn akoma too wɔn yam.
22
Na Yosef ne n’agya fiefoɔ tenaa Misraim, na Yosef dii mfirinhyia ɔha ne du.
23
Na Yosef hunuu Efraim mmanana. Manase ba Makir mma nso, wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so.
24
Na Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Merebɛti nananom wɔ asamando, na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo ampa, na wabɛyi mo afiri asase yi so akɔ asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no so.
25
Na Yosef maa Israel mma kaa ntam na ɔkaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ.
26
Na Yosef wui, berɛ a na wadi mfirinhyia ɔha ne du. Na wɔhyɛɛ ne mu aduro, na wɔde no too adaka mu wɔ Misraim.
← Chapter 49
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50