bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 13
Proverbs 13
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 14 →
1
Ɔba nyansafo tie agya nteɛso, na ɔfɛwdifo ntie ntwiwanim.
2
Onipa anom aba so na odi nnepa, na nea nkontompofo kra pɛ ne mmusu.
3
Nea ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, nea ɔtɛɛ n’anom nya ɔsɛe.
4
Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade.
5
Ɔtreneeni tan atosɛm, na abɔnefo yɛ aniwude ne ahohorade.
6
Trenee kora nea ne kwan yɛ pɛ, na abɔnefosɛm butuw ɔdebɔneyɛfo.
7
Obi yɛ ne ho defo, nso na onni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ ade pii.
8
Obi kra nnwensa ne n’ahonyade, na ohiani de, ɔnte ntwiwanim.
9
Treneefo hann dɛw anigye, na abɔnefo kanea bedum.
10
Ahantan de atutuw nko na ɛba, na wɔn a wotie afotu, nyansa ne wɔn te.
11
Ahonyade a efi ahuhude mu sua, na nea ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma ɛdɔ.
12
Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare, na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua.
13
Nea obu asɛm animtiaa de ɔsɛe ba ne ho so, na nea osuro mmara no, obenya akatua.
14
Onyansafo kyerɛ yɛ nkwa asuti, ɛno na ɔde befi owu afiri mu.
15
Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam, na nkontompofo kwan yɛ aboabo.
16
Onitefo yɛ n’ade nyinaa nimdeɛ mu, na ɔkwasea trɛw n’agyimisɛm mu.
17
Ɔbɔfo bɔne hwe amane mu, na ɔsomafo nokwafo sa ɔyare.
18
Ohia ne aniwu ka nea ɔpa nteɛso, na nea obu animka no nya anuonyam.
19
Akɔnnɔde a adɔ kɔn yɛ ɔkra dɛ, na bɔne mu fi yɛ nkwasea akyide.
20
Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.
21
Bɔne tiw nnebɔneyɛfo, na treneefo de, ɔde papa tua wɔn ka.
22
Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma, na ɔdebɔneyɛfo ahonyade de, wotia ma ɔtreneeni.
23
Ahiafo adɔw ma aduan pii ba, nanso atɛntrenee nni hɔ a, wɔpra kɔ.
24
Nea ɔkora n’abaa tan ne ba, na nea ɔdɔ no no teɛ no so ntɛmso.
25
Ɔtreneeni bedidi ma ne kra amee, na abɔnefo yafunu bɛda mpan.
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 14 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31