bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 5
Proverbs 5
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 4
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 6 →
1
Me ba, tie me nyansa, brɛ w’aso ase ma me ntease,
2
na woahwɛ adwempa so, na w’ano akora nimdeɛ.
3
Na ɔbea sansani ano kyi ɛwo sosɔ, na n’anom yɛ toro sen ngo;
4
na n’akyi yɛ nwene sɛ awɔnwene, ɛyɛ nnam te sɛ nkrante anofanu.
5
N’anan sian kɔ owu mu, asaman na n’anammɔn tutu kɔ.
6
Nkwa kwan de, ɔnkɔ ara da, n’anammɔn kyinkyin kɔ nea onnim hɔ.
7
Na afei, me mma, muntie me, na munnyi mo ho mmfi m’anom nsɛm ho.
8
Ma wo kwan mfi ne ho nkɔ akyiri, na mmɛn ne fi pon ano;
9
na woamfa wo nidi amma ebinom, ne wo mfe amma otirimmɔdenfo;
10
na ahɔho anni w’ade ammee, na w’adwumade antena obi hunu fi;
11
na wo nna a edi akyiri no, woampenepene, sɛ wo nipadua ne wo honam asa,
12
na woanka se: Ao, sɛ metan nteɛso na me koma kyii animka ni!
13
Na mantie m’akyerɛkyerɛfo, na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfo!
14
Ɛkaa kumaa ma esii me bɔne koraa, asafo ne guabɔ mu.
15
Nom w’abura mu nsu ne nsu a ɛsen fi wo nsuti mu.
16
Wo nsuaniwa bebu so afi adi ayɛ mmɔnten so asuten;
17
ɛbɛyɛ wo nko dea, na ɛnyɛ wo ne ahɔho bi dea.
18
Ma w’abura nyɛ nhyira, na wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye;
19
na ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo ne anuonyam wansan no. Ma ne mpokua nsɔ w’ani daa, tɔ ne dɔ mu ntintan daa yi.
20
Me ba, adɛn na wotɔ ɔbea nanani ho ntintan, na wuso ɔbea hɔho kokom?
21
Na onipa akwan da AWURADE anim, na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.
22
Ɔbɔnefo amumɔyɛ so no mu, na ne bɔne nhama kyere no.
23
Ɔkwati nteɛso nti obewu, na n’agyennyentwisɛm dodow nti ɔbɛyera.
← Chapter 4
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 6 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31