bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 15
Proverbs 15
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 14
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 16 →
1
Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.
2
Anyansafo tɛkrɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwasea ano woro agyimisɛm.
3
AWURADE aniwa wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefo ne apapafo.
4
Tɛkrɛmabere yɛ nkwa dua, na emu kyea yɛ honhom mu mmubui.
5
Ogyimifo tew n’agya nteɛso ahi, na nea obu nkaanim no ani bɛtew.
6
Ɔtreneeni fi wɔ ahode pii, na ɔbɔnefo nnɔbae mu wɔ anitane.
7
Anyansafo ano pete nimdeɛ, na nkwasea koma ntim.
8
Abɔnefo afɔre yɛ AWURADE akyide, na teefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde.
9
Ɔbɔnefo kwan yɛ AWURADE akyide, na trenee akyidifo na ɔdɔ no.
10
Nteɛso a ano yɛ den bɛba nea ogyaw ɔkwan pa no so, na nea okyi animka no bewu.
11
Asaman ne ɔsɛe amoa wɔ AWURADE anim, na menne nnipa mma koma.
12
Ɔfɛwdifo nnɔ nea ɔka n’anim, ɔnkɔ anyansafo nkyɛn.
13
Anigye koma ma anim tew, na komam awerɛhow bubu honhom.
14
Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ, na nkwasea ano di agyimisɛm.
15
Ɔmanehunufo nna nyinaa yɛ bɔne, na koma pa te sɛ daa apontow.
16
AWURADE suro mu ade ketewa ye sen ahode pii a ɔhaw wɔ mu.
17
Fam aduan a ɔdɔ wɔ mu ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan wɔ mu.
18
Obufufafo hwanyan atutuw mu, na abodwokyɛrefo pata akayɛ.
19
Onihawfo kwan te sɛ nsɔe ban, na teefo kwan yɛ petee.
20
Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye, na onipa kwasea bu ne na animtiaa.
21
Agyimisɛm yɛ nea onni ti anigye, na ɔbadwemma teɛ ne nantew.
22
Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.
23
Onipa anom mmuae yɛ anigye ma no, na asɛm a wɔka ne bere mu, eye dɛn ara!
24
Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefo, na wakwati asaman a ɛwɔ ase no.
25
AWURADE dwiriw ahantanfo fi, na ɔhyɛ okunafo hye so den.
26
Ɔbɔne adwene yɛ AWURADE akyide, na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho tew.
27
Amim mu mfasopɛfo sɛe ne fi, na nea okyi akyɛde bɛtena ase.
28
Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho, na abɔnefo ano woro nsɛmmɔne.
29
AWURADE ne abɔnefo ntam ware, na treneefo mpaebɔ de, otie.
30
Aniwa so tew ma koma tɔ yam, na atesɛm pa ma nnompe mu ba hon.
31
Aso a etie nkwa animka no, ɛbɛtena anyansafo mu.
32
Nea ɔpo nteɛso no pa ne kra, na nea otie animka no hu nyansa.
33
AWURADE suro ne nyansa nteɛso, na ahobrɛase di anuonyam anim.
← Chapter 14
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 16 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31