bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 22
Proverbs 22
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 21
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 23 →
1
Din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw sen ahonyade pii, na anuonyam ye sen dwetɛ ne sika.
2
Ɔdefo ne hiani hyia, nea ɔyɛɛ wɔn nyinaa ne AWURADE.
3
Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.
4
Nea edi ahobrɛase ne AWURADE suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.
5
Nsɔe ne mfiri wɔ ɔkɔntɔnkyefo kwan so, nea ɔkora ne kra ne wɔn ntam bɛpan.
6
Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.
7
Ɔdefo di ahiafo so, na ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.
8
Nea ogu amumɔyɛ no betwa mmusu, na n’anibere abaa behi.
9
Nea ohu mmɔbɔ no nya nhyira, efisɛ ɔde n’aduan bi ma ɔbrɛfo.
10
Pam fɛwdifo na atutuw befi adi, na akasakasa ne nsopa to atwa.
11
Nea ɔdɔ koma mu tew na n’anom kasa yɛ dɛ no, n’adamfo ne ɔhene.
12
AWURADE aniwa kora onimdefo so, na obutuw ɔkɔnkɔnsani asɛm.
13
Ɔkwadwofo se: Gyata wɔ adiwo, wobekum me, mmorɔn so!
14
Mmea asansafo ano yɛ amoa donkudonku, nea AWURADE werɛ ahow no no bɛhwe mu.
15
Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nteɛso abaa bɛma afi ne ho.
16
Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so de dɔre n’ade, anaa ɔde ma ɔdefo no, ohia na ebehia no.
17
Brɛ w’aso ase tie anyansafo kasa, na fa wo koma to me nimdeɛ so.
18
Na ɛyɛ fɛ sɛ wode besie wo yam, na ne nyinaa abom afam w’ano.
19
Nea ɛbɛyɛ na wode wo ho ato AWURADE so no, merema woahu nnɛ, wo ara!
20
Ɛno menkyerɛw wo nsɛnkunini ahorow aduasa, afotu horow ne nimdeɛ mu,
21
sɛ mɛma woahu nokware nsɛm asetim, na wode nokwasɛm akobua wɔn a wɔsomaa wo no?
22
Ntwa ɔbrɛfo dwow, sɛ ɔyɛ ɔbrɛfo, na ntiatia mmɔboroni so kurow pon mu.
23
Na AWURADE bedi wɔn asɛm ama wɔn, na wɔn a wɔfow wɔn no, ɔbɛfow wɔn kra.
24
Wo ne obufufafo mmfa ɔyɔnko, na wo ne ɔbarima niberefo mmmɔ,
25
na woansua n’akwan, na woannya afiri amma wo kra.
26
Nyɛ wɔn a wodi agyinam no mu bi, wɔn a wodi akagyinam no.
27
Sɛ wunni biribi a wode betua a, adɛn nti na onnye w’ase kɛtɛ no?
28
Ntwiw tete hye a w’agyanom abɔ ato hɔ no.
29
Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina, ɔrennyina mpapahwekwa anim.
← Chapter 21
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 23 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31