bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 29
Proverbs 29
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 28
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 30 →
1
Animka nipa a osen ne kɔn, wobebu no mpofirim, na ano nni aduru.
2
Treneefo redɔɔso a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini.
3
Onipa a ɔdɔ nyansa ma n’agya ani gye, na nea ɔne nguamamfo bɔ bɛsɛe n’ade.
4
Ɔhene de atemmu ma ɔman gyina, na akyɛdepɛfo bɔ no.
5
Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, osum n’anammɔn afiri.
6
Onipa bɔne mmarato mu wɔ afiri, na ɔtreneeni bɛto ahurusi dwom, na n’ani agye.
7
Ɔtreneeni hu abrɛfo asɛm di, ɔbɔnefo nhu saa nimdeɛ yi.
8
Fɛwdifo sɔ kurow mu gya, na anyansafo sianka abufuw.
9
Ɔba nyansafo ne ogyimifo di apere a, ɔyɛ hoo oo, ɔserew oo, ɔhome nni mu.
10
Mogyapɛfo tan pɛyɛfo, na teefo hwehwɛ ne kra agye no.
11
Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.
12
Ɔpanyin a otie atosɛm no, n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefo.
13
Ohiani ne ɔpoobɔni ade biako da nso wɔ ho, nea ɔtew wɔn baanu nyinaa ani ne AWURADE.
14
Ɔhene a obu nokwatɛn ma abrɛfo no, n’ahengua betim daa.
15
Abaa ne animka ma nyansa, na abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.
16
Abɔnefo dɔɔso a, mmarato dɔɔso, nanso treneefo behu wɔn asehwe.
17
Teɛ wo ba so na wama woahome, na wama wo kra anika.
18
Anisoadehu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa, nanso nea obu mmara no, nhyira ne no.
19
Wɔmfa nsɛm nteɛ akoa so, efisɛ ɔte ase, nso ommu.
20
Wuhu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.
21
Nea ɔkokɔ n’akoa fi ne mmofraase no, akyiri no ɔbɛyɛ sɛ ɔba.
22
Obufufafo hwanyan ntɔkwaw, na ɔbobɔnefo mmarato dɔɔso.
23
Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu hobrɛaseni nsa bɛka anuonyam.
24
Nea ɔne owifo kyɛ ade no tan ne kra, ɔte duabɔ no, nso ɔnka.
25
Onipa ho suro sum afiri, na nea ɔde ne ho to AWURADE so no ho bɛyɛ sonn.
26
Nnipa pii hwehwɛ ɔman so difo anim anuonyam, nanso AWURADE na obiara atemmu fi no.
27
Treneefo akyide ne onipa busufo, na ɔbɔnefo akyide ne nea ne kwan yɛ tee.
← Chapter 28
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 30 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31