bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 4
Proverbs 4
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 5 →
1
Mma, muntie agya nteɛso, na monyɛ aso na moanya nhumu.
2
Na adenim pa na mekyerɛ mo, munnnyaw me mmara.
3
Na bere a meyɛ abadomaa, ɔba banin ne ɔba koro ma me na ne m’agya no
4
na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me se: Ma wo koma nso me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.
5
Nya nyansa, nya nhumu, mma wo werɛ mmfi, na mman mfi m’anom kasa ho.
6
Nnyaw no, na ɛbɛhwɛ wo so, dɔ no, na ɛbɛkora wo.
7
Nyansa ne ade titiriw: Enti nya nyansa, na fa w’adenya nyinaa nya nhumu.
8
Bu no, na ɛbɛma wo so; sɛ woyɛ no atuu a, ɛbɛhyɛ wo anuonyam.
9
Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam akyekyetiri, abotiri fɛfɛ na ɛde bɛhyehyɛ wo.
10
Me ba, tie, na fa me nsɛm, na wo nkwa mfe adɔɔso.
11
Makyerɛ wo nyansa kwan, magya wo atempɔn tee so.
12
Wo nantew mu w’anammɔn renkyere wo, na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.
13
So nteɛso mu dennen, nnyaa mu, kora no, na ɛne wo nkwa.
14
Nkɔ abɔnefo kwan mu, na mfa nnipa bɔne kwan so.
15
Kwati no, nsen mfa so, man fi ho, na twa ho kɔ.
16
Na wɔnna, gye sɛ wɔayɛ bɔne ansa, na wontumi nna, gye sɛ wɔahwe obi ase ansa;
17
na wodi abɔnefosɛm aduan, na amimdi nsa na wɔnom.
18
Na treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.
19
Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii, wonnim nea wohintiw.
20
Me ba, tie me nsɛm, wɛn w’aso ma me kasa.
21
Mma emmfi w’ani so, fa sie wo komam tɔnn.
22
Na ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu, ne akwahosan ma ne honam nyinaa.
23
Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.
24
Yi ano kɔntɔnkye fi wo ho, na ma nkontompo ano nkɔ akyirikyiri.
25
Ma w’ani nhwɛ tee, na w’anisuatɛtɛw nteɛ nhwɛ w’anim.
26
Taataa w’anammɔn pɛpɛɛpɛ, na ma w’akwan nyinaa ntim.
27
Mman nifa anaa benkum, twe wo nan fi bɔne mu.
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 5 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31