bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 27
Proverbs 27
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 28 →
1
Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wunnim nea ɛda no de bɛba.
2
Ma obi nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ano, ɔhɔho, na ɛnyɛ w’anofafa.
3
Ɔbo yɛ duru na anwea yɛ pemee, na ogyimifo abohuru yɛ duru sen n’abien nyinaa.
4
Anibere yɛ atirimmɔden, na abufuw boro so, na hena na obetumi agyina ninkuntwe ano?
5
Animka pefee ye sen ɔdɔ a ahintaw.
6
Ɔdɔfo pira yɛ nokware, na ɔtamfo mfewano yɛ nsisi.
7
Ɔkra a wamee tiatia ɛwokyɛm so, na ɔkra a ɔkɔm de no de, nea ɛyɛ nwene biara yɛ no dɛ.
8
Sɛ anomaa a ofi ne berebuw mu kyin te no, saa ara na onipa a wayera afi ne fi te nen.
9
Ngo ne aduhuam ma akomatɔyam, na onipa adamfo mu dɛ sen ne komam agyinatu.
10
Nnyaw w’adamfo ne w’agya adamfo, na w’amane da no, nhyɛn wo nua fi; wo fipamfo a ɔbɛn ye, sen onua a ɔwɔ akyiri.
11
Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.
12
Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.
13
Nea ogyina ɔhɔho akyi no, fa ne ntama, na nea odi ɔbea sansani agyinam no, gye no awowa.
14
Nea otua ahema de nne kɛse hyira ne yɔnko no, wobebu no nnuabɔ ama no.
15
Asusow bere mu nsu a ɛsosɔ daa ne ɔbea ntɔkwapɛfo sɛ:
16
Nea ose ɔresianka no no te sɛ nea osianka mframa, anaa ne nifa kita ngo.
17
Dade sew dade ano, na saa ara na onipa tew ne yɔnko ani.
18
Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua no di n’aba, na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.
19
Sɛ nsu ma onipa hu n’anim no, saa ara na onipa koma ma onipa foforo hu ne de.
20
Asaman ne ɔsɛe amoa mmee da, na onipa aniwa nso mmee da.
21
Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika, na onipa de, sɛ n’ayeyi te na wɔde hu no.
22
Sɛ wode ɔwɔmma siw ogyimifo ɔwaduru mu fra awi mu mpo a, n’agyimisɛm remfi ne ho.
23
Ohu na hu sɛnea wo nguan ho te, na dwene wo mmoa akuwakuw no ho yiye.
24
Ahode ntena hɔ daa, na abotiri nkodu awo ntoatoaso nyinaa so.
25
Sɛ sare wu a, momono fifi, na wɔboaboa mmepɔw so nhabamma ano.
26
Nguanten bɛma wo adurade, na mmirekyi yɛ asase ti ade.
27
Na mmirekyi nufusu bɛdɔɔso ama w’aduan, ne wo fifo aduan, na wo mmabaa bɛmee.
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 28 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31