bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 9
Proverbs 9
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 10 →
1
Nyansa asi ne dan, wasen n’adum asɔn;
2
wakum ne mmoa, wafra ne nsa, na wasiesie ne pon nso;
3
wasoma ne mmaawa, ɔkɔteɛm kurow mu sorɔnsorɔmmea so sɛ:
4
Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha! Na nea onni ti no, ose no sɛ:
5
Mommra mmedi m’aduan no bi, na monnom me nsa a mafra no bi.
6
Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so.
7
Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no soa aniwu, na nea ɔka ɔbɔnefo anim no nya nkekae.
8
Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo; ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo.
9
Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa, ma ɔtreneeni nhu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu,
10
Ampa ara nyansa mfiase ne AWURADE suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.
11
Na me nti wo nna de bɛdɔɔso, na wɔde nkwa mfe bɛka wo ho.
12
Sɛ wuhu nyansa a, wuhu fa, na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.
13
Ɔbea kwasea yɛ ɔkasafo, tibɔnkɔso a onnim hwee;
14
ɔtena ne fi abobow ano, kurow mu sorɔnsorɔn hɔ agua so,
15
sɛ ɔrefrɛ wɔn a wɔresen ɔkwan so, wɔnam wɔn nkwammɔe so tee no sɛ:
16
Nea ɔyɛ atetekwaa mman ha! Na nea onni ti nso, ose no sɛ:
17
Nsu a wowia yɛ fremfrem, na ahintaduan yɛ dɛ!
18
Nso onii no nnim sɛ nsamanfo wɔ hɔ, asaman abun mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ.
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 10 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31