bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 2
Proverbs 2
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 3 →
1
Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn,
2
sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease,
3
yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease,
4
sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a,
5
ɛno na wubehu AWURADE suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
6
Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.
7
Ɔkora nyansahu ma teefo, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,
8
sɛ ɔbɛkari atemmu akwan, na wahwɛ n’ahotefo kwan so.
9
Ɛno na wubehu trenee ne atemmu ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu.
10
Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a,
11
adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban,
12
na ayi wo afi bɔne kwan mu, ne onipa a ɔka akɔntɔnkyesɛm ho,
13
afi wɔn a wogyaw trenee akwan kɔnantew sum akwan so no ho,
14
wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, wodi bɔne akɔntɔnkyesɛm ho ahurusi,
15
wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea, na wɔn akwan dannan.
16
Na ayi wo afi ɔbea sansani nsam, afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam;
17
ɔno na wapa ne mmabaabere mu kunu, na ne werɛ afi ne Nyankopɔn apam;
18
na ne fi kom kɔ owu mu, na n’akwan kɔ nsamanfo mu:
19
Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsan, na wɔrensi nkwa akwan mu.
20
Na woafa nnipa pa kwan so, na woadi treneefo kwan so.
21
Na teefo na ɛbɛtena asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu;
22
na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 3 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31