bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 7
Proverbs 7
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 8 →
1
Me ba, di me nsɛm so, na fa me mmara nsɛm sie.
2
Di me mmara nsɛm so na nya nkwa, na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutiayisi.
3
Fa kyekyere wo nsatea so, kyerɛw wo koma pon so.
4
Ka kyerɛ nyansa sɛ: Me nuabea ne wo! Na frɛ nhumu sɛ w’adamfowa,
5
na ahwɛ wo so afi ɔbea sansani ho, afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm ho.
6
Na mifi me dan mfɛnsere mu, m’ahunuaniankansa mu mehwɛe;
7
na mehwɛɛ ntetekwaafo mu, mihuu mmofra no mu aberantewa bi a onni ti,
8
ɔperee abɔnten bɛn ne twea, na ɔsen faa ne fi kwan,
9
ɛbere a ade resa, anadwofa, anadwo kɔnkɔn ne sum mu.
10
Na hwɛ, ɔbea bi hyiaa no, ofura aguamantam, ne koma asen;
11
wagyigya na n’aso asorow, ne nan ntena ne fi;
12
mprempren ɔwɔ mmorɔn so, seisei yi ɔwɔ gua so, na ɔtetɛw twea nyinaa so.
13
Ɛnna osoo no mu, na ofew n’ano, na ɔhyɛɛ n’ani den ka kyerɛɛ no sɛ:
14
Asomdwoe afɔrebɔ da me so, ɛnnɛ na mama m’aboade;
15
enti na mifi mibehyiaa wo yi, mebɛhwehwɛɛ w’anim, na mahu wo yi.
16
Mede mmommo makata me mpa so, Misraim nkyeremu;
17
mede kurobow ne pɛprɛ ne dupapo mapete me nnae so.
18
Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkosi anɔpa, ma yɛmfa akɔnnɔde nsɛpɛw yɛn ho.
19
Na ofiwura nni fie, watu kwan kɔ akyirikyiri;
20
wafa fotow ne sika akura, ɔsram korokumatwa da mu ansa na ɔbɛba fie.
21
Ɔde brada pii too no, ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe.
22
Odii n’akyi prɛko sɛ nantwi a wɔrekokum no, sɛ mpokyerɛ a wɔde twe ogyimifo aso,
23
kosii sɛ agyan hwirew ne mmerɛbo mu, te sɛ anomaa de ahoɔhare kɔ afiri mu, na onnim sɛ ne nkwa na ɛda mu.
24
Na afei, me mma, muntie me, na monyɛ aso mma m’anom nsɛm.
25
Mma wo koma mmman nnkɔ n’atempɔn so, mfom nkɔ n’akwan so.
26
Na wapirapira nnipa pii agugu hɔ, na wɔn a wakunkum wɔn dɔɔso;
27
ne fi ne asamando kwan, esan kɔ owu mpia mu.
← Chapter 6
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 8 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31