bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Proverbs 31
Proverbs 31
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 30
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
1
Masa hene Lemuel nsɛm, ɔkasakyerɛ a ne na de teɛɛ no so.
2
Ɛdɛn, me ba, na ɛdɛn, me yafumma? Na ɛdɛn, me bɔhyɛ ba?
3
Mfa w’ahoɔden mma mmea, na mfa w’akwan nyɛ nea ɛsɛe ahemfo.
4
Ɛnsɛ ahemfo, Lemuel, ɛnsɛ ahemfo, sɛ wɔbɛnom nsa, anaa atitiriw, sɛ wobedi nsaden akyi,
5
na wɔannom, na wɔn werɛ amfi mmara a wɔahyɛ, na wɔannan amanehunufo nyinaa nsɛm ani.
6
Fa nsaden ma nea ɔresɛe, ne bobesa ma awerɛhowfo.
7
Ma wɔnnom na wɔn werɛ mfi wɔn hia, na wɔankae wɔn amane bio.
8
Kasa ma omum, ne mma a wonni ahwɛfo nyinaa.
9
Bue w’ano, bu atɛntrenee, na di ɔbrɛfo ne ohiani asɛm.
10
Ɔyepa, hena na obenya? Nanso ne bo sen nhene pa koraa.
11
Ne kunu koma da no so, na siade ade nhia no.
12
Ɔyɛ no yiye, na ɔnyɛ no bɔne bi, ne nkwa nna nyinaa.
13
Odwen kuntu ne asaawa ho, na ɔde ne nsa yɛ adwuma fɛw so.
14
Ɔte sɛ oguadini ahyɛn, ɔde n’aduan fi akyirikyiri ba.
15
Ade nnya nkyee a, na wasɔre, na wama ne fifo aduan, na wama ne mmaawa nnwuma.
16
Odwen afuw ho na ɔtɔ, ɔde ne nsa ano aba yɛ bobeturo.
17
Ɔde ahoɔden bɔ n’asen, na ɔhyɛ n’abasa mu den.
18
Ɔte ne dwumadi mu dɛw, ne kanea nnum anadwo.
19
Ɔteɛ ne nsa so tadua mu, na ne nsatea so kyekye mu.
20
Obue ne nsam ma ɔbrɛfo, na ɔteɛ ne nsa ma ohiani.
21
Onsuro sukyerɛma mma ne fifo, na ne fifo nyinaa furafura atankɔkɔɔ.
22
Wanwene mmommo afa, ne ntama yɛ nwera pa ne ntama a ɛberedum.
23
Wonim ne kunu kurow apon mu, bere a ɔte asase no so mpanyimfo mu no.
24
Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn, na ɔde abɔso ma oguadini.
25
Ahoɔden ne ahoɔfɛ ne n’adurade, na osuro mmere a ɛwɔ n’anim.
26
Obue n’ano nyansa mu, na adɔe kyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.
27
Ɔhwɛ ne fifo kɔree ne bae, na onni anihaw aduan.
28
Ne mma sɔre, na wɔfrɛ no nhyira, ne kunu nso, oyi no ayɛ sɛ:
29
Mmea pii ayɛ papa, na wo de, wosen wɔn nyinaa.
30
Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; nanso ɔbea a osuro AWURADE na wobeyi no ayɛ.
31
Momma no ne nsa ano aba bi, na ne nneyɛe nyi no ayɛ kurow apon mu.
← Chapter 30
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31